Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
10 Ɛnna Samuel faa ngo toa, na ɔhwiee ngo a ɛwom no guu Saul atifi.+ Ɔfee n’ano kaa sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na wasra wo ayɛ wo ɔkannifoɔ+ wɔ n’agyapadeɛ so?+ 2 Ɛnnɛ sɛ wofiri me nkyɛn rekɔ a, wobɛhu mmarima mmienu wɔ Rahel+ damena nkyɛn wɔ Selsa a ɛwɔ Benyamin asaase so no, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na wo papa agyae mfunumu no akyiri di+ redwen wo ho sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ wɔ me ba yi ho?”’ 3 Wofiri hɔ a, toa so kɔduru Tabor dua kɛseɛ no ase, na woduru hɔ a, wobɛhyia mmarima mmiɛnsa a wɔrekɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim wɔ Betel;+ baako kura mpɔnkye mma mmiɛnsa, baako kura paanoo mmiɛnsa, ɛnna baako so ahina kɛseɛ a bobesa wom. 4 Wɔbɛbisa sɛdeɛ wo ho teɛ, na wɔama wo paanoo mmienu; ɛyɛ a gye. 5 Ɛno akyi no, kɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ no so, baabi a Filistifoɔ asraafoɔdɔm wɔ no. Sɛ woduru kuro no mu a, wobɛhyia adiyifoɔ bi a wɔresiane afiri sorɔnsorɔmmea* hɔ sɛ wɔrehyɛ nkɔm, na wobɛhu sɛ nkurɔfoɔ di wɔn anim rebɔ asankuo, mpintin, ntɛntɛbɛn, ne asankuten. 6 Yehowa honhom bɛba wo so,+ na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm, na wobɛyɛ w’adeɛ sɛ onipa foforɔ.+ 7 Sɛ saa nsɛnkyerɛnne yi ba mu a, yɛ deɛ wobɛtumi biara, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no di w’akyi. 8 Ɛno akyi no, di kan kɔ Gilgal,+ na mɛsiane aba wo nkyɛn abɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ hɔ. Twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn. Afei mɛma woahunu deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
9 Berɛ a Saul danee ne ho sɛ ɔrɛfiri Samuel nkyɛn akɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa n’akoma maa no yɛɛ sɛ onipa foforɔ, na nsɛnkyerɛnne yi nyinaa sisii saa da no. 10 Enti wɔfirii hɔ kɔɔ bepɔ no so, na adiyifoɔ bi bɛhyiaa no; ɛhɔ ara na Onyankopɔn honhom baa ne so,+ na ɔfirii aseɛ hyɛɛ nkɔm+ wɔ wɔn mu. 11 Berɛ a wɔn a wɔnim no dada no huu sɛ ɔne adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm no, wɔbisabisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ayɛ Kis ba yi? Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?” 12 Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri hɔ bisaa sɛ: “Na wɔn papa ne hwan?” Ɛno nti, abɛyɛ asɛm a nkurɔfoɔ taa ka sɛ:* “Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+
13 Berɛ a ɔhyɛɛ nkɔm wieeɛ no, ɔkɔɔ sorɔnsorɔmmea hɔ. 14 Akyire yi, Saul papa nua bisaa ɔne ne somfoɔ no sɛ: “Mokɔɔ he?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no,+ nanso yɛanhu wɔn, enti yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.” 15 Saul papa nua no bisaa sɛ: “Mesrɛ wo ka kyerɛ me, ɛdeɛn na Samuel ka kyerɛɛ mo?” 16 Ɛnna Saul buaa ne papa nua no sɛ: “Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahu mfunumu no.” Nanso ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, Saul anka ankyerɛ no.
17 Samuel frɛfrɛɛ ɔman no bɛhyiaa wɔ Yehowa anim wɔ Mispa,+ 18 na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Me na meyii Israel firii Egypt, na megyee mo firii Egyptfoɔ ne ahennie a ɛhyɛɛ mo so no nyinaa nsam.+ 19 Na mo deɛ, mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii mo haw ne mo amanehunu nyinaa mu no, ɛnnɛ moapo no,+ na moaka sɛ: “Daabi, yɛpɛ sɛ wosi yɛn so hene.” Enti afei mommɛgyina Yehowa anim mmusuakuo mmusuakuo ne apem apem.’”*
20 Ɛnna Samuel maa Israel mmusuakuo no nyinaa baa ne nkyɛn+ mmaako mmaako, na wɔyii Benyamin abusuakuo no.+ 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no baa ne nkyɛn mmusua mmusua, na wɔyii Matrifoɔ abusua no. Na wɔyii Kis ba Saul.+ Nanso berɛ a wɔkɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no. 22 Ɛnna wɔbisaa Yehowa sɛ:+ “Ɔbarima no abɛduru ha anaa?” Na Yehowa kaa sɛ: “Hwɛ, ɔno na wakɔhinta nneɛma mu no.” 23 Enti wɔde mmirika kɔfaa no baeɛ. Berɛ a ɔbɛgyinaa ɔman no mu no, na ɔware sene obiara.+ 24 Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Deɛ Yehowa ayi no no,+ moahu sɛ obiara nte sɛ ɔno wɔ ɔman yi nyinaa mu?” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”
25 Afei Samuel kaa deɛ ɔmanfoɔ no bɛyɛ ama wɔn ahemfo,+ na ɔtwerɛɛ no nwoma mu de kɔtoo Yehowa anim. Ɛnna Samuel gyaa ɔmanfoɔ no nyinaa kwan maa obiara kɔɔ ne fie. 26 Saul nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea, na akatakyie a Yehowa kanyan wɔn* no ne no kɔeɛ. 27 Nanso mmarima ahuhufoɔ bi kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wei atumi agye yɛn?”+ Enti wɔbuu no animtia, na wɔamfa akyɛdeɛ biara ammrɛ no.+ Nanso wankasa.*