Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
13 Saul bɛdii hene no,+ na wadi mfeɛ . . . ,* na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu. 2 Saul yii mmarima 3,000 firii Israelfoɔ mu; ná wɔn mu 2,000 ka Saul ho wɔ Mikmas ne Betel mmepɔ mu, na 1,000 nso kɔkaa Yonatan+ ho wɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea+ mu. Asraafoɔ a aka no deɛ, ɔgyaa wɔn kwan maa obiara kɔɔ ne ntomadan mu. 3 Yonatan kunkum Filistifoɔ+ asraafoɔdɔm a wɔwɔ Geba+ no, na Filistifoɔ no teeɛ. Ɛnna Saul maa wɔbɔɔ abɛn+ wɔ asaase no nyinaa so kaa sɛ: “Hebrifoɔ, montie!” 4 Asɛm a Israel nyinaa teeɛ ne sɛ: “Saul akunkum Filistifoɔ asraafoɔdɔm, na seesei Israel ho abɔn Filistifoɔ no.” Enti wɔfrɛfrɛɛ ɔman no sɛ wɔmmɛdi Saul akyi wɔ Gilgal.+
5 Filistifoɔ no nso boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israelfoɔ rebɛko; wɔde nteaseɛnam 30,000 ne nnipa 6,000 a wɔtete apɔnkɔ so, ne nnipa a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea baeɛ,+ na wɔforo kɔboaa wɔn ho ano wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen+ apueeɛ fam. 6 Na Israel mmarima huu sɛ wɔn ho akyere wɔn, ɛfiri sɛ na deɛ ɛreba no ani soso. Enti ɔman no dwane kɔhintaa abodan,+ amena, abotan, ntokuro ne nsubura mu. 7 Hebrifoɔ no bi mpo twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asaase so.+ Saul deɛ, na ɔda so wɔ Gilgal, na nnipa a na wɔdi n’akyi nyinaa ho popoeɛ. 8 Ɔtwɛn nnanson sɛdeɛ Samuel kaeɛ* no, nanso Samuel amma Gilgal, na na ɔmanfoɔ no refiri ne nkyɛn nkakrankakra. 9 Afei Saul kaa sɛ: “Momfa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mmrɛ me.” Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.+
10 Nanso berɛ a ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wieeɛ ara pɛ na Samuel bɛduruiɛ. Enti Saul firii adi sɛ ɔrekɔhyia no ahyira no. 11 Ɛnna Samuel bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Saul buaa sɛ: “Mehuu sɛ ɔmanfoɔ no refiri me nkyɛn,+ na wo nso berɛ a wohyɛeɛ no, woanni so. Afei nso, na Filistifoɔ no reboaboa wɔn ho ano wɔ Mikmas.+ 12 Enti meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Filistifoɔ yi bɛsiane aba me so wɔ Gilgal, nanso menhwehwɛɛ Yehowa nhyira.’* Ɛbaa saa no, mebɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.”
13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm. Mmara nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn de maa wo no, woanni so.+ Sɛ wodii so a, anka Yehowa bɛma w’ahennie atim afebɔɔ wɔ Israel. 14 Nanso seesei deɛ, w’ahennie renkyɛ.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a ɔyɛ deɛ Yehowa akoma pɛ,+ na ɔbɛyɛ no kannifoɔ wɔ ne man so,+ ɛfiri sɛ woanyɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ wo no.”+
15 Afei Samuel sɔre siim firii Gilgal kɔɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea mu, na Saul kan ɔmanfoɔ no; wɔn a na wɔda so ka ne ho no, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima 600.+ 16 Saul ne ne ba Yonatan ne wɔn a wɔda so ka wɔn ho no, na wɔwɔ Benyaminfoɔ kuro Geba+ mu. Filistifoɔ no nso boaboaa wɔn ho ano wɔ Mikmas.+ 17 Ná asraafoɔ akuo mmiɛnsa taa firi Filistifoɔ asoɛeɛ hɔ ba. Ekuo baako fa Ofra kwan so kɔ Sual asaase so, 18 ekuo foforɔ nso de wɔn ani kyerɛ Bet-Horon+ kwan so, na kuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso de wɔn ani kyerɛ serɛ so, ɛkwan a ɛne Seboim bɔn no bɔ hyeɛ no so.
19 Ná ɔtomfoɔ biara nni Israel asaase so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ no kaa sɛ: “Yɛmpɛ sɛ Hebrifoɔ no bɛyɛ sekan anaa pea biara.” 20 Enti sɛ Israelni biara pɛ sɛ ɔse n’asɔ, ne sɔsɔ, n’akuma, ne ne kantankrankyi* ano a, gye sɛ ɔsiane kɔ Filistifoɔ mu. 21 Sɛ wɔse asɔ, sɔsɔ, adinam a ano yɛ mmiɛnsa, akuma, anaasɛ wɔsiesie poma a wɔde ka nantwie a, wɔgye pim* baako. 22 Sɛ ɛko duru so a, obiara nni ɔman no mu a ɔka Saul ne Yonatan ho a ɔnya sekan anaa pea kura; Saul ne ne ba Yonatan nko ara na na wɔwɔ akodeɛ.+
23 Ná Filistifoɔ de asraafoɔdɔm akɔgu baabi a wɔfa twa Mikmas+ bɔn no.