Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
3 Saa berɛ no nyinaa, na abɔfra Samuel resom+ Yehowa wɔ Eli anim, nanso na Yehowa asɛm ho ayɛ na, na na anisoadehunu+ nso ho ayɛ den.
2 Da bi, na Eli da ne dan mu; ná n’ani so ayɛ wisiwisi, na na ɔnhunu adeɛ.+ 3 Ná kanea a ɛwɔ Onyankopɔn fie+ no nnya nnumiiɛ, na Samuel ada wɔ Yehowa asɔrefie*+ hɔ; ɛhɔ na na Onyankopɔn Adaka no wɔ. 4 Ɛnna Yehowa frɛɛ Samuel, na ɔgyee so sɛ: “Mereba o.” 5 Na ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkaa sɛ: “Memfrɛɛ wo. San kɔda.” Ɛnna ɔkɔdaeɛ. 6 Yehowa frɛɛ no bio sɛ: “Samuel!” Na Samuel sɔreeɛ na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkaa sɛ: “Me ba, memfrɛɛ wo. San kɔda.” 7 (Saa berɛ no, na Samuel nnya nhuu Yehowa, na na Yehowa nnya mfirii aseɛ nyii n’asɛm adi nkyerɛɛ no.)+ 8 Yehowa frɛɛ no ne mprɛnsa so sɛ: “Samuel!” Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie, wofrɛɛ me anaa?”
Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ abɔfra no. 9 Enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a ka sɛ, ‘Yehowa, kasa na w’akoa retie.’” Na Samuel san kɔdaeɛ.
10 Yehowa bɛgyinaa hɔ frɛɛ no te sɛ kane no, na ɔkaa sɛ: “Samuel, Samuel!” Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Kasa, na w’akoa retie.” 11 Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Hwɛ! Merebɛyɛ adeɛ bi wɔ Israel, na obiara a ɔbɛte no, n’aso mmienu nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 12 Ɛda no, deɛ maka atia Eli fie no, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, mɛma ne nyinaa aba mu.+ 13 Ka kyerɛ no sɛ bɔne a ɔno ara nim no nti,+ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma redome Onyankopɔn,+ nanso wanka wɔn anim.+ 14 Ɛno nti na maka ntam agu Eli fie so sɛ, afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ biara rentumi mpata Eli fie bɔne no da.”+
15 Samuel daa hɔ kɔsii anɔpa, na ɔbuebuee Yehowa fie apono no. Ná Samuel suro sɛ ɔbɛka anisoadehunu no akyerɛ Eli. 16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: “Me ba Samuel!” Na ɔkaa sɛ: “Menie.” 17 Ɔbisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wo? Mesrɛ wo mfa nsie me. Sɛ wode asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no baako mpo sie me a, Onyankopɔn ntua wo ka na ɔnsan mfa bi nka ho.” 18 Enti Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wamfa biribiara ansie no. Ɛnna Eli kaa sɛ: “Ɛyɛ Yehowa. Deɛ ɛyɛ wɔ n’ani so no, ma no nyɛ.”
19 Samuel kɔɔ so nyinii, na Yehowa dii n’akyi,+ na asɛm biara nni hɔ a ɔkaeɛ a wamma no amma mu.* 20 Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba, obiara bɛhuu sɛ Samuel na Yehowa ayi no sɛ ne diyifoɔ. 21 Yehowa kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo, ɛfiri sɛ Silo na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Samuel. Yehowa nam n’asɛm so na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no.+