Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
25 Akyire yi, Samuel wuiɛ,+ na Israelfoɔ nyinaa boaboaa wɔn ho ano bɛsuu no, na wɔsiee no wɔ ne fie nkyɛn wɔ Rama.+ Ɛnna Dawid sɔreeɛ, na ɔsiane kɔɔ Paran serɛ so.
2 Ná ɔbarima bi te Maon+ a n’adwuma wɔ Karmel.*+ Ɔbarima no, na ɔwɔ sika paa; ná ɔwɔ nnwan 3,000 ne mpɔnkye 1,000, na na ɔretwitwa ne nnwan ho nwi wɔ Karmel. 3 Ɔbarima no din de Nabal,+ na ne yere din de Abigail.+ Ná ne yere no nim nyansa, na na ne ho nso yɛ fɛ. Ná ne kunu yɛ Kaleb+ aseni, na na n’asɛm yɛ den na ne suban nso nyɛ fɛ.+ 4 Dawid tee wɔ serɛ so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nnwan ho nwi. 5 Enti Dawid somaa mmeranteɛ du, na Dawid ka kyerɛɛ mmeranteɛ no sɛ: “Monkɔ Nabal nkyɛn wɔ Karmel na mommisa no sɛ mese ne ho te sɛn, 6 na monka sɛ, ‘Nya nkwa tenten na ɛnsi wo ne wo fie ne deɛ wowɔ nyinaa yie.* 7 Mate sɛ woretwitwa wo nnwan ho nwi. Berɛ a yɛne wo nnwanhwɛfoɔ no tenaa wɔ Karmel nyinaa, yɛanyɛ wɔn bɔne biara,+ na wɔn biribiara nso anyera. 8 Wobisa wo mmeranteɛ no a, wɔbɛka akyerɛ wo. Ma me mmeranteɛ no nnya w’anim adom, ɛfiri sɛ yɛaba berɛ pa mu.* Enti yɛsrɛ wo, deɛ wobɛnya biara, fa ma wo nkoa ne wo ba Dawid.’”+
9 Ɛnna Dawid mmeranteɛ no kɔeɛ, na wɔkɔkaa Dawid nkra yi nyinaa kyerɛɛ Nabal. Berɛ a wɔn ano siiɛ no, 10 Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: “Hwan ne Dawid, na hwan ne Yese ba no? Nnansa yi, nkoa a wɔadwane afiri wɔn wuranom nkyɛn adɔɔso.+ 11 M’aduane ne me nsuo ne me nam a makum ama mmarima a wɔretwitwa me nnwan ho nwi no, memfa mma mmarima a mennim baabi a wɔfiri anaa?”
12 Ɛnna Dawid mmeranteɛ no san kɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. 13 Ɛhɔ ara na Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Obiara mfa ne sekan mmɔ n’ataaso!”+ Enti obiara de ne sekan bɔɔ n’ataaso, na Dawid nso de ne sekan bɔɔ n’ataaso. Na mmarima bɛyɛ 400 ne Dawid kɔeɛ, na mmarima 200 nso tenaa nneɛma no ho.
14 Saa berɛ no ara mu nso, na asomfoɔ no baako akɔka akyerɛ Nabal yere Abigail sɛ: “Hwɛ, Dawid tuu abɔfoɔ firi serɛ so bɛhyiraa yɛn wura, nanso wateatea mu agu wɔn so adidi wɔn atɛm.+ 15 Mmarima no boaa yɛn paa. Wɔanyɛ yɛn bɔne biara, na berɛ a yɛne wɔn wɔ wuram no, yɛn biribiara anyera.+ 16 Berɛ a yɛne wɔn wɔ hɔ rehwɛ nnwan no nyinaa, wɔyɛɛ sɛ fasuo wɔ yɛn ho awia ne anadwo. 17 Afei dwene deɛ wobɛyɛ ho, ɛfiri sɛ asɛnkɛseɛ reba yɛn wura ne ne fie nyinaa so,+ na ɔno deɛ, ɔyɛ onipahunu*+ a wokasa kyerɛ no a ɛnyɛ yie.”
18 Enti Abigail+ yɛɛ ntɛm faa paanoo 200 ne bobesa nhina akɛseɛ mmienu ne nnwan nnum a wɔasiesie no kama, ne nkyeweɛ seah susudeɛ* nnum, ne bobe keeki 100, ne borɔdɔma aba keeki 200, na ɔde ne nyinaa soaa mfunumu.+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ no sɛ: “Monni kan, na mɛdi mo akyi.” Nanso, wanka hwee ankyerɛ ne kunu Nabal.
20 Berɛ a ɔte afunumu no so resiane bepɔ no, na Dawid ne ne mmarima no nso rehyia no, nanso wɔanhu no, ɛfiri sɛ na bepɔ no asi wɔn anim. Enti ɔkɔpuee wɔn so mpofirim. 21 Dawid deɛ, asɛm a na ɔreka ne sɛ: “Mebɔɔ ɔbarima yi nneɛma nyinaa ho ban wɔ serɛ so, nanso mabrɛ agu kwa. Deɛ ɔwɔ nyinaa baako mpo anyera;+ ne nyinaa akyi no, bɔne na ɔde retua papa a meyɛɛ no no so ka.+ 22 Sɛ ɛbɛduru anɔpa na magya ɔbarima* baako mpo wɔ ne fie a, Onyankopɔn ntua Dawid atamfo ka* na ɔmfa bi nka ho.”
23 Berɛ a Abigail huu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm si firii afunumu no so, na ɔkotoo Dawid anim de n’anim butuu fam. 24 Afei ɔbɛbutuu ne nan ase kaa sɛ: “O me wura, me mmom na fa soboɔ no bɔ me; yɛ aso tie w’afenaa. 25 Mesrɛ wo, mma me wura nnni onipahunu Nabal+ yi akyi, na ne din ne ne suban sɛ. Ne din de Nabal,* na agyimisɛm bata ne ho. W’afenaa deɛ, berɛ a me wura somaa wo mmarima no, manhu wɔn. 26 Enti me wura, sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, Yehowa na watwe wo asan+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a worenni mogya ho fɔ,+ na wo ara woantua obiara bɔne so ka.* Ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal. 27 Afei akyɛdeɛ*+ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, fa ma mmeranteɛ a wɔne me wura nam no.+ 28 Mesrɛ wo, fa w’afenaa bɔne kyɛ no, na Yehowa bɛkyekyere fie ama me wura daa,+ ɛfiri sɛ me wura reko ma Yehowa,+ na wo nkwa nna nyinaa, wonyɛɛ bɔne biara.+ 29 Sɛ obi tu n’ani si wo so sɛ ɔbɛku wo* a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyekyere me wura nkwa* wɔ nkwa kotokuo mu de asie ne nkyɛn; nanso w’atamfo nkwa* deɛ, ɔbɛto atwene te sɛ aboɔ a wɔto firi ataaboɔ* mu. 30 Nneɛma pa a Yehowa aka sɛ ɔbɛyɛ ama me wura no, sɛ ɔyɛ ne nyinaa na sɛ ɔyi wo sɛ Israel kannifoɔ a,+ 31 ɛsiane sɛ me wura anhwie mogya angu kwa, na wo ara woantua obiara bɔne so ka* nti, worennu wo ho na w’ahonim* remmu wo fɔ.*+ Sɛ Yehowa dom me wura a, ɛyɛ a kae w’afenaa.”
32 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Ayeyie nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo bɛhyiaa me nnɛ yi! 33 Nhyira nka nyansa a woada no adi! Nhyira nka wo sɛ woamma manni mogya ho fɔ+ na me ara mantua obiara bɔne so ka.* 34 Ɛfiri sɛ sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a wamma manyɛ wo bɔne+ no te ase yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammɛhyia me a,+ anka ɛbɛduru anɔpa no, na mennyaa ɔbarima* baako mpo wɔ Nabal fie.”+ 35 Ɛnna Dawid gyee nneɛma a ɔde brɛɛ no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ wo fie. Hwɛ, matie wo, enti mɛyɛ w’abisadeɛ no.”
36 Akyire yi, Abigail baa Nabal nkyɛn, na ɔbɛtoo sɛ wato pono wɔ fie redidi nom te sɛ ɔhene. Ná Nabal* ani agye na waboro sram. Ɔbaa no anka asɛm biara ankyerɛ ne kunu kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. 37 Adeɛ kyee anɔpa a nsã no tetee Nabal ani so no, ne yere kaa deɛ ɛsiiɛ no kyerɛɛ no. N’akoma yɛɛ sɛ obi a wawu, na na ɔda hɔ a ɔnkeka ne ho te sɛ boɔ. 38 Bɛyɛ dadu akyi no, Yehowa maa Nabal wuiɛ.
39 Berɛ a Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Yehowa sɛ wadi m’asɛm ama me+ na wayi animguaseɛ a Nabal de baa me so no+ afiri hɔ na wamma n’akoa anyɛ bɔne.+ Yehowa ama Nabal bɔne adane agu ne tiri so!” Ɛnna Dawid somaa sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware no. 40 Enti Dawid nkoa no kɔɔ Abigail nkyɛn wɔ Karmel, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛka nkyerɛ wo sɛ ɔbɛware wo.” 41 Ɛhɔ ara na ɔsɔre bɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: “W’afenaa nie, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura nkoa nan ho.”+ 42 Ɛnna Abigail+ yɛɛ ntɛm sɔreeɛ, na ɔtenaa afunumu so, na ne mmaawa nnum dii n’akyi. Ɔsiim ne Dawid abɔfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ ne yere.
43 Ná Dawid aware Ahinoam+ a ɔfiri Yesreel+ nso, enti mmaa mmienu no nyinaa bɛyɛɛ ne yerenom.+
44 Saa berɛ no, na Saul de ne babaa Mikal+ a ɔyɛ Dawid yere no ama Lais ba Palti+ a ɔfiri Galim no ama no aware no.