Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
10 Akyire yi, Ammonfoɔ+ hene wuiɛ, na ne ba Hanun bɛdii n’adeɛ.+ 2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Mɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ Nahas ba Hanun sɛdeɛ ne papa daa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛɛ me no.” Enti Dawid somaa ne nkoa sɛ wɔnkɔkyekye ne werɛ, ne papa wuo no ho. Nanso berɛ a Dawid nkoa no kɔɔ Ammonfoɔ asaase so no, 3 Ammon mpanimfoɔ bisaa wɔn wura Hanun sɛ: “Wogye di sɛ Dawid pɛ sɛ ɔdi wo papa ni nti na wasoma sɛ wɔmmɛkyekye wo werɛ yi? Wonnye nni sɛ Dawid repɛ kwan a ɔbɛfa so adi wo so nkonim nti na wasoma ne nkoa aba wo nkyɛn sɛ wɔmmɛsra asaase yi na wɔnhwɛ sɛdeɛ ɛteɛ?” 4 Enti Hanun kyee Dawid nkoa no yii wɔn abɔdwesɛ fã,+ na ɔtwitwaa wɔn ntaadeɛ so bɛsii wɔn to, na ɔmaa wɔkɔe. 5 Berɛ a nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, ɛhɔ ara na ɔsomaa mmarima kɔhyiaa wɔn ɛsiane animguaseɛ kɛseɛ a ato wɔn nti; na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena Yeriko+ nkɔsi sɛ mo abɔdwesɛ bɛsan afu ansa na moasan aba.”
6 Akyire yi, Ammonfoɔ no huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo.* Ɛno nti Ammonfoɔ no soma kɔbɔɔ paa maa Siriafoɔ a wɔwɔ Bet-Rehob+ ne Siriafoɔ a wɔwɔ Soba+ de asraafoɔ* 20,000 bae, na Maaka+ hene de mmarima 1,000 bae, ɛnna Istob* nso de mmarima 12,000 baeɛ.+ 7 Dawid teeɛ no, ɔmaa Yoab ne asraafoɔ no nyinaa ne mmarima a wɔnim ko paa no kɔhyiaa wɔn.+ 8 Na Ammon akofoɔ kɔboaa wɔn ho ano wɔ kurotia, na Siriafoɔ a wɔwɔ Soba ne Rehob ne Istob* ne Maaka no kɔgyinagyinaa petee mu.
9 Berɛ a Yoab huu sɛ dɔm a wɔreba ne so no bi wɔ n’anim ne n’akyi no, ɔyii Israel mmarima a wɔnim ko paa no bi, na wɔboaa wɔn ho ano kɔhyiaa Siriafoɔ no.+ 10 Ɔde dɔm a aka no hyɛɛ ne nua Abisai+ nsa sɛ ɔne wɔn nkɔ akono nkɔhyia Ammonfoɔ no.+ 11 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ Siriafoɔ no ahoɔden boro me so a, bra bɛgye me, na sɛ Ammonfoɔ ahoɔden boro wo so a, me nso mɛba abɛgye wo. 12 Ma yɛnyɛ den na yɛmfa akokoɔduro+ nko mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na Yehowa bɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani so.”+
13 Ɛnna Yoab ne ne dɔm no kɔɔ wɔn anim kɔhyiaa Siriafoɔ no wɔ ɛko no mu, na wɔdwane firii n’anim.+ 14 Berɛ a Ammonfoɔ no huu sɛ Siriafoɔ adwane no, wɔn nso dwane firii Abisai anim, na wɔsan kɔɔ kuro no mu. Akyire yi, Yoab gyaee Ammonfoɔ no akyiri die san baa Yerusalem.
15 Berɛ a Siriafoɔ no huu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israelfoɔ anim no, wɔsan kɔboaboaa wɔn ho ano.+ 16 Enti Hadadeser+ soma kɔfaa Siriafoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no*+ ho baa Helam; Hadadeser sahene Sobak na ɔdii wɔn anim de wɔn baeɛ.
17 Dawid tee ho asɛm ara pɛ, ɔboaboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan kɔɔ Helam. Ɛnna Siriafoɔ de akofoɔ kɔhyiaa Dawid, na wɔne no koe.+ 18 Nanso Siriafoɔ no dwane firii Israelfoɔ anim, na Dawid kunkum Siriafoɔ 700 a wɔtete nteaseɛnam mu ne mmarima 40,000 a wɔtete apɔnkɔ so, na wɔn sahene Sobak nso, ɔkum no.+ 19 Berɛ a ahemfo no nyinaa, kyerɛ sɛ, Hadadeser nkoa no huu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, ɛhɔ ara na wɔne Israel yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔbɛhyɛɛ wɔn ase,+ na Siriafoɔ suroo sɛ wɔbɛko agye Ammonfoɔ bio.