Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 29
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yuda hene Hesekia ahennie (1, 2)

      • Hesekia pagyaa Onyankopɔn som (3-11)

      • Wɔtee asɔrefie no ho (12-19)

      • Wɔsan firii asɔrefie hɔ nnwuma ase (20-36)

2 Berɛsosɛm 29:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 1:1; Ho 1:1; Mt 1:10
  • +2Ah 18:1, 2

2 Berɛsosɛm 29:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 31:20
  • +1Ah 15:5; 2Ah 18:3

2 Berɛsosɛm 29:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:33, 34; 2Be 28:24

2 Berɛsosɛm 29:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 15:11, 12
  • +2Ah 18:4

2 Berɛsosɛm 29:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 28:22, 23; Yer 44:21
  • +Yer 2:27; Hes 8:16

2 Berɛsosɛm 29:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:33, 34
  • +Le 24:2
  • +Ex 30:8
  • +Ex 29:38

2 Berɛsosɛm 29:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔbɛbɔ wɔn so hwerɛma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:18
  • +Le 26:32; De 28:15, 25

2 Berɛsosɛm 29:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:14, 17
  • +2Be 28:5-8

2 Berɛsosɛm 29:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 15:10-13

2 Berɛsosɛm 29:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mohome mo adwuma so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 3:6; De 10:8
  • +1Be 23:13

2 Berɛsosɛm 29:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 4:2, 3; 1Be 23:12
  • +1Be 23:21
  • +1Be 23:7

2 Berɛsosɛm 29:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 15:16, 17; 25:1, 2

2 Berɛsosɛm 29:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 25:5
  • +1Be 25:1

2 Berɛsosɛm 29:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:5

2 Berɛsosɛm 29:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:36
  • +2Ah 23:4, 6; 2Be 15:16; Yoh 18:1

2 Berɛsosɛm 29:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:3; 1Be 28:11

2 Berɛsosɛm 29:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 4:1
  • +1Ah 7:40
  • +1Ah 7:48

2 Berɛsosɛm 29:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 28:1, 2, 24
  • +2Be 29:5

2 Berɛsosɛm 29:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 4:3, 13, 14; Nu 15:22-24

2 Berɛsosɛm 29:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 4:4
  • +Le 4:7, 18

2 Berɛsosɛm 29:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 25:1, 6; 2Be 9:11
  • +1Be 28:12, 13; 2Be 8:12, 14
  • +2Sa 24:11, 12; 1Be 29:29
  • +2Sa 7:2; 12:1

2 Berɛsosɛm 29:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 10:8; 1Be 15:24

2 Berɛsosɛm 29:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:3, 4

2 Berɛsosɛm 29:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 23:1; 1Be 16:7

2 Berɛsosɛm 29:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “moahyɛ mo nsam den.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:3

2 Berɛsosɛm 29:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4; 8:63; 1Be 29:21, 22

2 Berɛsosɛm 29:34

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “na Lewifoɔ no asiesie wɔn akoma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 8:19; 2Be 30:17; 35:10, 11
  • +2Be 30:2, 3

2 Berɛsosɛm 29:35

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔsiesiee Yehowa fie som no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:32
  • +Le 3:1, 14-16
  • +Nu 15:5

2 Berɛsosɛm 29:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 30:12

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 29:1Yes 1:1; Ho 1:1; Mt 1:10
2 Be. 29:12Ah 18:1, 2
2 Be. 29:22Be 31:20
2 Be. 29:21Ah 15:5; 2Ah 18:3
2 Be. 29:31Ah 6:33, 34; 2Be 28:24
2 Be. 29:51Be 15:11, 12
2 Be. 29:52Ah 18:4
2 Be. 29:62Be 28:22, 23; Yer 44:21
2 Be. 29:6Yer 2:27; Hes 8:16
2 Be. 29:71Ah 6:33, 34
2 Be. 29:7Le 24:2
2 Be. 29:7Ex 30:8
2 Be. 29:7Ex 29:38
2 Be. 29:82Be 24:18
2 Be. 29:8Le 26:32; De 28:15, 25
2 Be. 29:9Le 26:14, 17
2 Be. 29:92Be 28:5-8
2 Be. 29:102Be 15:10-13
2 Be. 29:11Nu 3:6; De 10:8
2 Be. 29:111Be 23:13
2 Be. 29:12Nu 4:2, 3; 1Be 23:12
2 Be. 29:121Be 23:21
2 Be. 29:121Be 23:7
2 Be. 29:131Be 15:16, 17; 25:1, 2
2 Be. 29:141Be 25:5
2 Be. 29:141Be 25:1
2 Be. 29:152Be 29:5
2 Be. 29:161Ah 6:36
2 Be. 29:162Ah 23:4, 6; 2Be 15:16; Yoh 18:1
2 Be. 29:171Ah 6:3; 1Be 28:11
2 Be. 29:182Be 4:1
2 Be. 29:181Ah 7:40
2 Be. 29:181Ah 7:48
2 Be. 29:192Be 28:1, 2, 24
2 Be. 29:192Be 29:5
2 Be. 29:21Le 4:3, 13, 14; Nu 15:22-24
2 Be. 29:22Le 4:4
2 Be. 29:22Le 4:7, 18
2 Be. 29:251Be 25:1, 6; 2Be 9:11
2 Be. 29:251Be 28:12, 13; 2Be 8:12, 14
2 Be. 29:252Sa 24:11, 12; 1Be 29:29
2 Be. 29:252Sa 7:2; 12:1
2 Be. 29:26Nu 10:8; 1Be 15:24
2 Be. 29:27Le 1:3, 4
2 Be. 29:302Sa 23:1; 1Be 16:7
2 Be. 29:31Le 1:3
2 Be. 29:321Ah 3:4; 8:63; 1Be 29:21, 22
2 Be. 29:34Nu 8:19; 2Be 30:17; 35:10, 11
2 Be. 29:342Be 30:2, 3
2 Be. 29:352Be 29:32
2 Be. 29:35Le 3:1, 14-16
2 Be. 29:35Nu 15:5
2 Be. 29:362Be 30:12
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 29:1-36

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

29 Hesekia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abia, na na ɔyɛ Sakaria ba.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.+ 3 N’ahennie afe a ɛdi kan, bosome a ɛdi kan no, ɔbuebuee Yehowa fie apono, na ɔsiesieeɛ.+ 4 Na ɔmaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no bae, na ɔboaboaa wɔn ano wɔ petee mu wɔ apueeɛ fam. 5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Lewifoɔ, montie me. Monnwira mo ho,+ na monyɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn fie no kronkron, na monyiyi deɛ ɛho nteɛ mfiri kronkronbea hɔ.+ 6 Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn ani so bɔne;+ wɔgyaa no na wɔyii wɔn ani firii Yehowa ntomadan so, na wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no.+ 7 Wɔtotoo abantenten no apono nso mu,+ na wɔdundum nkanea no.+ Wɔgyaee aduhwam no hyeɛ,+ na wɔammɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ wɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn bio. 8 Enti Yehowa bo fuu Yuda ne Yerusalem,+ na ɔde mmusuo baa wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa hu wɔn a, wɔn ho bɛyera wɔn, wɔn ho bɛdwiri wɔn anaa wɔbɛdi wɔn ho fɛ,* sɛdeɛ mo ara mo ani tua yi.+ 9 Hwɛ, wei nti na wɔde sekan kunkum yɛn agyanom,+ na wɔde yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa ne yɛn yerenom kɔɔ obi man so.+ 10 Afei m’akoma so adeɛ ne sɛ me ne Israel Nyankopɔn Yehowa bɛyɛ apam+ na n’abufuhyeɛ afiri yɛn so. 11 Me mma, ɛnyɛ saa berɛ yi na ɛsɛ sɛ mototo mo adwuma ase,* ɛfiri sɛ Yehowa ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom no na monyɛ n’asomfoɔ+ na monhye afɔrebɔdeɛ mma no.”+

12 Ɛnna Lewifoɔ yi sɔreeɛ: Kohat asefoɔ+ no ne, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel. Merari asefoɔ+ no ne, Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria. Gerson asefoɔ+ no ne, Sima ba Yoa ne Yoa ba Eden. 13 Elisafan asefoɔ no ne, Simri ne Yeuel. Asaf asefoɔ+ no ne, Sakaria ne Matania. 14 Heman asefoɔ+ no ne, Yehiel ne Simei. Yedutan asefoɔ+ no ne, Semaia ne Usiel. 15 Afei wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔdwiraa wɔn ho, na sɛdeɛ ɔhene no nam Yehowa asɛm so de ahyɛdeɛ maeɛ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛte Yehowa fie no ho.+ 16 Na asɔfoɔ no baa Yehowa fie hɔ bɛtee ho, na wɔyiyii nneɛma a ɛho nteɛ a wɔhuu no Yehowa asɔrefie hɔ no nyinaa kɔɔ Yehowa fie adihɔ.+ Na Lewifoɔ no nso de firii adi kɔɔ Kidron Bɔn+ no ho. 17 Enti wɔfirii aseɛ tee ho bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan, na bosome no da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔduruu Yehowa fie abantenten no ho;+ wɔde nnafua nwɔtwe tee Yehowa fie no ho, na wɔwiee adwuma no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 16.

18 Wɔwieeɛ no, wɔkɔɔ Ɔhene Hesekia anim kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa fie no ne ɔhyeɛ afɔrebukyia+ ne ɛho nneɛma nyinaa+ yɛate ho, na ɛpono a wɔde paanoo a wɔde taataa so no* gu so+ ne ɛho nneɛma nyinaa nso, yɛate ho. 19 Afei nso, berɛ a Ɔhene Ahas di hene no, nneɛma a ne bɔne nti ɔyiyi firii hɔ no,+ yɛasiesie ate ne nyinaa ho,+ na ɛwɔ Yehowa afɔrebukyia no anim.”

20 Na Ɔhene Hesekia sɔree anɔpatutuutu kɔboaboaa kuro no mu mpanimfoɔ ano, na wɔbaa Yehowa fie hɔ. 21 Deɛ wɔde baeɛ ne anantwinini nson, adwennini nson, adwennini nkumaa nson, ne mpɔnkyenini nson a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama ahennie no, tenabea kronkron no, ne Yuda.+ Na ɔka kyerɛɛ asɔfoɔ no, Aaron asefoɔ no sɛ, wɔmfa mmɔ afɔreɛ wɔ Yehowa afɔrebukyia no so. 22 Ɛnna wɔkunkum anantwie no,+ na asɔfoɔ no de mogya no petepetee afɔrebukyia no so;+ ɛno akyi no, wɔkunkum adwennini no, na wɔde mogya no petepetee afɔrebukyia no so, na wɔkunkum adwennini nkumaa no, na wɔde mogya no petepetee afɔrebukyia no so. 23 Afei wɔde mpɔnkyenini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no baa ɔhene ne badwa no anim na wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24 Ɛnna asɔfoɔ no kunkum wɔn, na wɔde wɔn mogya no bɔɔ bɔne ho afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so de pata maa Israel nyinaa, ɛfiri sɛ ɔhene kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ no mma Israel nyinaa.

25 Saa berɛ no nyinaa na wama Lewifoɔ no abɛgyinagyina Yehowa fie hɔ, na wɔkurakura nnawuro,* asankuo, ne asankuten+ sɛdeɛ Dawid+ ne Gad+ a ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma ɔhene ne odiyifoɔ Natan+ nnwontoɔ ho nhyehyɛeɛ teɛ, ɛfiri sɛ Yehowa nam n’adiyifoɔ no so na ɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ. 26 Enti, na Lewifoɔ no kurakura Dawid nnwontoɔ nneɛma no gyinagyina hɔ, ɛnna asɔfoɔ no nso kurakura ntotorobɛnto.+

27 Afei Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ Berɛ a wɔfirii aseɛ sɛ wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, Yehowa dwom ne ntotorobɛnto no firii aseɛ, na wɔhyɛn maa ɛne Israel hene Dawid nnwontoɔ nneɛma no nnyegyeeɛ hyiaeɛ. 28 Na berɛ a wɔreto dwom na wɔrehyɛn ntotorobɛnto no nyinaa na badwa no nyinaa abobɔ wɔn mu ase. Wei nyinaa kɔɔ so kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔreɛ no. 29 Wɔwiee afɔrebɔ no ara pɛ, ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa koto de wɔn anim butubutuu fam. 30 Ɛnna Ɔhene Hesekia ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi Yehowa ayɛ.+ Enti wɔdii ahurisie kɛse yii no ayɛ, na wɔkoto de wɔn anim butubutuu fam.

31 Afei Hesekia kaa sɛ: “Seesei a wɔayi mo asi hɔ* ama Yehowa adwuma yi, mommra na momfa afɔrebɔdeɛ ne aseda afɔreɛ mmra Yehowa fie.” Enti badwa no de afɔrebɔdeɛ ne aseda afɔreɛ baeɛ, na obiara a n’akoma kaa no de ɔhyeɛ afɔreɛ baeɛ.+ 32 Ɔhyeɛ afɔreɛ a badwa no de baeɛ no dodoɔ si anantwie 70, adwennini 100, adwennini nkumaa 200; wɔde weinom nyinaa bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa.+ 33 Afɔrebɔdeɛ kronkron no nso yɛ anantwie 600 ne nnwan 3,000. 34 Nanso na asɔfoɔ no nnɔɔso, na wɔantumi annwa mmoa a wɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nyinaa. Enti wɔn nuanom Lewifoɔ no boaa wɔn+ kɔsii berɛ a wɔwiee adwuma no; wɔboaa wɔn kɔsii sɛ asɔfoɔ no dwiraa wɔn ho,+ ɛfiri sɛ na ahodwira ho hia Lewifoɔ no paa* sene asɔfoɔ no. 35 Afei nso, na ɔhyeɛ afɔreɛ+ no ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ ho sradeɛ ne afɔrebɔ nsã a ɛka ɔhyeɛ afɔreɛ+ no ho no dɔɔso pii. Saa na ɛyɛeɛ a wɔsan firii Yehowa fie som adwuma no ase.* 36 Enti deɛ nokorɛ Nyankopɔn no ayɛ ama ɔman no, Hesekia ne ɔman no nyinaa dii ho ahurisie,+ ɛfiri sɛ biribiara kɔɔ ntɛm.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane