Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 32
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Senaherib bɛhunahunaa Yerusalem (1-8)

      • Senaherib buu Yehowa animtia (9-19)

      • Ɔbɔfoɔ baako kum Asiria asraafoɔ (20-23)

      • Yareɛ bɔɔ Hesekia; ɔmaa ne ho so (24-26)

      • Nneɛma a Hesekia tumi yɛeɛ ne ne wuo (27-33)

2 Berɛsosɛm 32:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 31:20
  • +2Ah 18:7, 13; Yes 36:1

2 Berɛsosɛm 32:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 20:20

2 Berɛsosɛm 32:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagya.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:9; 1Ah 9:24; 11:27; 2Ah 12:20

2 Berɛsosɛm 32:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 19:6
  • +De 31:6, 8; Yos 1:6, 9; 2Ah 6:16, 17; 2Be 20:15

2 Berɛsosɛm 32:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nnipa ahoɔden.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:9; De 20:1, 4; Yos 10:42; Yer 17:5
  • +2Be 20:20

2 Berɛsosɛm 32:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “n’asraafoɔ ne ne mpanimfoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 37:8
  • +2Ah 18:17; Yes 36:2

2 Berɛsosɛm 32:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:19; Yes 36:4

2 Berɛsosɛm 32:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:29, 30; 19:10

2 Berɛsosɛm 32:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ne sorɔnsorɔmmea.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:1, 4
  • +2Be 31:1
  • +2Ah 18:22; Yes 36:7

2 Berɛsosɛm 32:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 15:29; 17:5; Yes 37:12
  • +2Ah 18:33, 34; 19:17, 18

2 Berɛsosɛm 32:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:3; 15:9

2 Berɛsosɛm 32:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:29
  • +Ex 5:2; De 32:27; Da 3:14, 15

2 Berɛsosɛm 32:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 19:14
  • +Yes 37:29
  • +2Ah 17:6; 19:12

2 Berɛsosɛm 32:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:26, 28; Yes 36:11, 13

2 Berɛsosɛm 32:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 19:2, 20; Yes 37:2
  • +2Ah 19:14, 15; 2Be 14:11

2 Berɛsosɛm 32:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “n’abosom dan mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 76:5
  • +2Ah 19:35-37; Yes 37:37, 38

2 Berɛsosɛm 32:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 4:21; 2Be 17:1, 5

2 Berɛsosɛm 32:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “anwonwadeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 20:1, 2; Yes 38:1, 2
  • +2Ah 20:5, 9; 2Be 32:31; Yes 38:8

2 Berɛsosɛm 32:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 26:18, 19
  • +2Ah 20:19

2 Berɛsosɛm 32:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 1:11, 12; 17:1, 5
  • +1Ah 9:17-19

2 Berɛsosɛm 32:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

2 Berɛsosɛm 32:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 1:33, 45
  • +2Be 32:4
  • +2Sa 5:9

2 Berɛsosɛm 32:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “anwonwadeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 20:8-11; Yes 38:8
  • +2Ah 20:12; Yes 39:1
  • +Ge 22:1
  • +De 8:2; Dw 7:9; 139:23

2 Berɛsosɛm 32:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 31:20, 21
  • +Yes 1:1
  • +2Ah 20:20

2 Berɛsosɛm 32:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:43

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 32:12Be 31:20
2 Be. 32:12Ah 18:7, 13; Yes 36:1
2 Be. 32:32Ah 20:20
2 Be. 32:52Sa 5:9; 1Ah 9:24; 11:27; 2Ah 12:20
2 Be. 32:72Ah 19:6
2 Be. 32:7De 31:6, 8; Yos 1:6, 9; 2Ah 6:16, 17; 2Be 20:15
2 Be. 32:8Nu 14:9; De 20:1, 4; Yos 10:42; Yer 17:5
2 Be. 32:82Be 20:20
2 Be. 32:9Yes 37:8
2 Be. 32:92Ah 18:17; Yes 36:2
2 Be. 32:102Ah 18:19; Yes 36:4
2 Be. 32:112Ah 18:29, 30; 19:10
2 Be. 32:122Ah 18:1, 4
2 Be. 32:122Be 31:1
2 Be. 32:122Ah 18:22; Yes 36:7
2 Be. 32:132Ah 15:29; 17:5; Yes 37:12
2 Be. 32:132Ah 18:33, 34; 19:17, 18
2 Be. 32:14Ex 14:3; 15:9
2 Be. 32:152Ah 18:29
2 Be. 32:15Ex 5:2; De 32:27; Da 3:14, 15
2 Be. 32:172Ah 19:14
2 Be. 32:17Yes 37:29
2 Be. 32:172Ah 17:6; 19:12
2 Be. 32:182Ah 18:26, 28; Yes 36:11, 13
2 Be. 32:202Ah 19:2, 20; Yes 37:2
2 Be. 32:202Ah 19:14, 15; 2Be 14:11
2 Be. 32:21Dw 76:5
2 Be. 32:212Ah 19:35-37; Yes 37:37, 38
2 Be. 32:231Ah 4:21; 2Be 17:1, 5
2 Be. 32:242Ah 20:1, 2; Yes 38:1, 2
2 Be. 32:242Ah 20:5, 9; 2Be 32:31; Yes 38:8
2 Be. 32:26Yer 26:18, 19
2 Be. 32:262Ah 20:19
2 Be. 32:272Be 1:11, 12; 17:1, 5
2 Be. 32:271Ah 9:17-19
2 Be. 32:302Sa 5:9
2 Be. 32:301Ah 1:33, 45
2 Be. 32:302Be 32:4
2 Be. 32:312Ah 20:8-11; Yes 38:8
2 Be. 32:312Ah 20:12; Yes 39:1
2 Be. 32:31Ge 22:1
2 Be. 32:31De 8:2; Dw 7:9; 139:23
2 Be. 32:322Be 31:20, 21
2 Be. 32:32Yes 1:1
2 Be. 32:322Ah 20:20
2 Be. 32:331Ah 11:43
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 32:1-33

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

32 Nsɛm yi ne Hesekia nokorɛdie akyi no,+ Asiria hene Senaherib baa Yuda so, na ɔtwaa nkuro a wɔabɔ ho ban no ho hyiaeɛ; ná wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛbubu afasuo no akɔ mu na wagye afa.+

2 Berɛ a Hesekia huu sɛ Senaherib aba, na ɔpɛ sɛ ɔne Yerusalem bɛko no, 3 ɔne ne mpanimfoɔ ne n’akatakyie no faa adwene, na ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛsisi nsuwansuwa a ɛwowɔ kuro no akyi+ no, na wɔboaa no. 4 Nnipa bebree bɛhyiaeɛ, na wɔsisii nsutire ne nsubɔnten a ɛsene fa asaase no so nyinaa; wɔkaa sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo ba bɛnya nsuo pii wɔ ha?”

5 Bio nso, ɔmiaa n’ani san too fasuo no afã a adwiri agu no nyinaa, na ɔsisii abantenten wɔ so; ɔsan too fasuo foforɔ wɔ kuro no akyi, na ɔsiesiee Esie*+ a ɛwɔ Dawid Kuro mu no; afei ɔyeyɛɛ akodeɛ ne akyɛm bebree. 6 Ɛnna ɔde asahene sisii ɔman no so, na ɔboaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn wɔ petee mu wɔ kuro no pono ano, na ɔkaa wɔn akoma too wɔn yam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 7 “Monnya akokoɔduro na momma mo ho nyɛ den. Monnsuro, na mommmɔ hu ɛsiane Asiria hene+ ne ne dɔm a wɔka ne ho no nti, ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka ne ho.+ 8 Ɔno deɛ, ɔhonam basa* na ɛka ne ho, na yɛn deɛ, Yehowa, yɛn Nyankopɔn na ɔka yɛn ho; ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn.”+ Enti Yuda hene Hesekia nsɛm no hyɛɛ ɔman no nkuran.+

9 Wei akyi, berɛ a Asiria hene Senaherib ne ne dɔm* nyinaa wɔ Lakis+ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔka kyerɛɛ Yuda hene Hesekia ne Yudeafoɔ a wɔtete Yerusalem+ nyinaa sɛ:

10 “Deɛ Asiria hene Senaherib aka nie, ‘Yerusalem na wɔatwa ho ahyia yi, enti deɛn na mode mo ho ato so a moda so ara te mu yi?+ 11 Sɛ Hesekia ka sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔbɛgye yɛn afiri Asiria hene nsam”+ a, ɛnyɛ nnaadaa na ɔredaadaa mo ama ɛkɔm ne sukɔm aku mo? 12 Ɛnyɛ Hesekia korɔ yi ara na ɔyiyii mo Nyankopɔn sorɔnsorɔmmea*+ ne n’afɔrebukyia+ na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: “Afɔrebukyia baako anim na monkoto, na ɛno ara so na monhye afɔrebɔdeɛ”+ no? 13 Enti monnim deɛ me ne m’agyanom de yɛɛ nsaase no so aman nyinaa?+ Nsaase no so aman no anyame tumi gyee wɔn nsaase firii me nsam anaa?+ 14 Amanaman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame no mu hwan na ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam? Mo Nyankopɔn no na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam anaa?+ 15 Mommma Hesekia nnnaadaa mo nnto mo brada saa.+ Monnnye no nnni, ɛfiri sɛ ɔman anaa ahennie biara nni hɔ a ne nyame tumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me ne m’agyanom nsam. Mo Nyankopɔn no na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam anaa?’”+

16 Ne nkoa nso kasa tiaa nokorɛ Nyankopɔn Yehowa ne n’akoa Hesekia. 17 Ɔtwerɛɛ nkrataa nso+ de didii Israel Nyankopɔn Yehowa atɛm,+ na ɔkasa tiaa no sɛ: “Sɛdeɛ nsaase no so aman no anyame antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me nsam no,+ saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso rentumi nnye ne nkurɔfoɔ mfiri me nsam.” 18 Wɔde nne kɛseɛ teaam wɔ Yudafoɔ kasa mu kyerɛɛ Yerusalemfoɔ a wɔwɔ afasuo no so no de bɔɔ wɔn hu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn akoma bɛtu, na wɔatumi afa kuro no.+ 19 Wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn sɛdeɛ wɔkasa tiaa asaase so aman no anyame a wɔde nnipa nsa na ɛyɛeɛ no. 20 Nanso Ɔhene Hesekia ne Amus ba odiyifoɔ Yesaia+ kɔɔ so bɔɔ ho mpaeɛ, na wɔsu frɛɛ ɔsoro Nyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn.+

21 Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfoɔ bi kɔɔ Asiria hene asoɛeɛ hɔ, na ɔkunkum akatakyie,+ mpanimfoɔ, ne asahene no nyinaa, na Asiria hene de animguaseɛ san kɔɔ n’asaase so. Akyire yi, ɔkɔɔ ne nyame fie,* na ɔno ara ne mma de sekan kum no.+ 22 Enti Yehowa gyee Hesekia ne Yerusalemfoɔ firii Asiria hene Senaherib ne wɔn a wɔaka nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho dwoo wɔn wɔ baabiara a wɔwɔ. 23 Na nnipa pii de akyɛdeɛ brɛɛ Yehowa wɔ Yerusalem, na wɔbrɛɛ Yuda hene Hesekia+ nneɛma a ɛsom bo; akyire yi ɔnyaa anidie wɔ aman nyinaa anim.

24 Saa nna no mu no, Hesekia yare maa anka ɔreyɛ awu, na ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ+ maa no tiee no, na ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne* bi maa no.+ 25 Papa a wɔyɛɛ Hesekia nyinaa akyi no, n’ani ansɔ; mmom n’akoma maa ne ho so; wei maa Onyankopɔn bo fuu ɔne Yuda ne Yerusalem. 26 Nanso Hesekia yii ahomasoɔ no firii n’akoma mu brɛɛ ne ho ase;+ ɔne Yerusalemfoɔ. Na Yehowa abufuo amma wɔn so wɔ Hesekia berɛ so.+

27 Hesekia nyaa ahonyadeɛ ne animuonyam pii;+ ɔsisii adekora adan+ de dwetɛ, sika kɔkɔɔ, aboɔden aboɔ, balsam ngo, akyɛm ne nneɛma a ɛsom bo nyinaa guu mu. 28 Ɔsisii adekora adan nso de hwiit* ne bobesa foforɔ ne ngo guu mu, na ɔsisii adan maa nyɛmmoa ahodoɔ nyinaa bi ne ne nnwan. 29 Afei nso, ɔnyaa nkuro, nyɛmmoa, nnwan, ne anantwie bebree, ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa no nyaa ne ho paa. 30 Hesekia na ɔsii Gihon+ nsuo no ano wɔ atifi fam,+ na ɔdanee ani kyerɛɛ atɔeɛ fam kɔɔ Dawid Kuro mu.+ Nnwuma a Hesekia yɛeɛ nyinaa, ɛsii no yie. 31 Ne nyinaa mu no, berɛ a Babilon mpanimfoɔ somaa wɔn ananmusifoɔ baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛnkyerɛnne*+ a asi asaase no so+ no, nokorɛ Nyankopɔn no gyaa no de sɔɔ no hwɛeɛ,+ na ama wahunu deɛ ɛwɔ n’akoma mu nyinaa.+

32 Hesekia ho nsɛm a aka ne ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a ɔdaa no adi+ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu mu+ wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.+ 33 Hesekia ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ kokoɔ so, beaeɛ a ɛkɔ Dawid mma asieeɛ+ no; ɔwuiɛ no, Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane