Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Abia wui (1)

      • Yuda hene Asa ahennie (2-8)

      • Asa dii Etiopiafoɔ 1,000,000 so nkonim (9-15)

2 Berɛsosɛm 14:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:9

2 Berɛsosɛm 14:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:5
  • +Ex 23:24
  • +1Ah 14:22, 23; 2Ah 18:1, 4

2 Berɛsosɛm 14:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 34:1, 4

2 Berɛsosɛm 14:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:5
  • +2Be 15:15; Mme 16:7

2 Berɛsosɛm 14:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɛpono a ɛbɔ ho mmienu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 32:2, 5
  • +Dw 127:1

2 Berɛsosɛm 14:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:1, 12; 13:3

2 Berɛsosɛm 14:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 16:8
  • +Yos 15:20, 44; 2Be 11:5, 8

2 Berɛsosɛm 14:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:10; 1Be 5:20; 2Be 32:20
  • +Ate 7:7; 1Sa 14:6
  • +2Be 13:12; 32:7, 8
  • +1Sa 17:45; Dw 20:5; Mme 18:10
  • +Yos 7:9; Dw 9:19

2 Berɛsosɛm 14:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:7

2 Berɛsosɛm 14:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 20:1

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 14:12Sa 5:9
2 Be. 14:3De 7:5
2 Be. 14:3Ex 23:24
2 Be. 14:31Ah 14:22, 23; 2Ah 18:1, 4
2 Be. 14:52Be 34:1, 4
2 Be. 14:62Be 11:5
2 Be. 14:62Be 15:15; Mme 16:7
2 Be. 14:72Be 32:2, 5
2 Be. 14:7Dw 127:1
2 Be. 14:82Be 11:1, 12; 13:3
2 Be. 14:92Be 16:8
2 Be. 14:9Yos 15:20, 44; 2Be 11:5, 8
2 Be. 14:11Ex 14:10; 1Be 5:20; 2Be 32:20
2 Be. 14:11Ate 7:7; 1Sa 14:6
2 Be. 14:112Be 13:12; 32:7, 8
2 Be. 14:111Sa 17:45; Dw 20:5; Mme 18:10
2 Be. 14:11Yos 7:9; Dw 9:19
2 Be. 14:12De 28:7
2 Be. 14:13Ge 20:1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 14:1-15

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

14 Abia ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu,+ na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Ne berɛ so no, asomdwoeɛ baa asaase no so mfeɛ du.

2 Asa yɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so. 3 Ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia+ ne sorɔnsorɔmmea* no firii hɔ, na ɔbubuu abosom adum+ twitwaa abosonnua* no guiɛ.+ 4 Afei ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔnni ne Mmara ne n’ahyɛdeɛ so. 5 Enti ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne nneɛma a wɔde hye aduhwam+ no firii Yuda nkuro nyinaa mu, na asomdwoeɛ baa ahennie no mu wɔ ne berɛ so. 6 Ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den wɔ Yuda,+ ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ asaase no so. Obiara ne no ammɛdi ako saa mfeɛ no mu; Yehowa maa ne ho dwoo no.+ 7 Ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: “Momma yɛnkyekyere nkuro yi na yɛnto afasuo ne aban wɔ ho nhyia,+ na yɛnyɛ aponkɛseɛ* ne mmeamu. Asaase no da hɔ ma yɛn, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no nti wama yɛn ho adwo yɛn wɔ baabiara.” Enti adwuma no kɔɔ yie.+

8 Asa nyaa asraafoɔdɔm 300,000 a wɔfiri Yuda a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ ne mpea. Benyamin mu nso, ɔnyaa mmarima akokoɔdurofoɔ 280,000 a wɔkurakura akyɛm nketewa* ne agyan.+

9 Akyire yi, Etiopiani Sera de asraafoɔdɔm 1,000,000 ne nteaseɛnam 300 baa wɔn so.+ Berɛ a ɔduruu Maresa no,+ 10 Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔboaa wɔn ho ano kɔgyinaa akono wɔ Sefata Bɔn no mu wɔ Maresa. 11 Na Asa su frɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn+ sɛ: “O Yehowa, ɛnyɛ den mma wo sɛ wobɛboa nnipa, sɛ́ wɔdɔɔso anaa wɔnni ahoɔden.+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo na yɛde yɛn ho ato wo so;+ wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so.+ O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn. Mma ɔdasani nnni wo so nkonim.”+

12 Enti Yehowa dii Etiopiafoɔ so nkonim wɔ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwaneeɛ.+ 13 Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tii wɔn kɔduruu Gerar,+ na Etiopiafoɔ no wuwu kɔsii sɛ wɔn nyinaa saeɛ. Yehowa ne n’asafo no yɛɛ wɔn pasaa. Afei wɔsesaa wɔn ho nneɛma bebree kɔe. 14 Bio nso, wɔsɛee nkuro a atwa Gerar ho ahyia no nyinaa, ɛfiri sɛ Yehowa ho hu tɔɔ wɔn so; wɔsesaa nkuro no nyinaa mu nneɛma; ná nneɛma no dɔɔso. 15 Afei nso, wɔto hyɛɛ mmoahwɛfoɔ ntomadan so, na wɔnyaa nnwan pii ne yoma; ɛnna wɔsan baa Yerusalem.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane