Ester
6 Saa anadwo no, ɔhene antumi anna.* Enti ɔsoma maa wɔkɔfaa nwoma a wɔatwerɛ wɔn berɛ so abakɔsɛm wom+ no bae. Na wɔkenkan kyerɛɛ ɔhene. 2 Wɔhuu sɛ wɔatwerɛ deɛ Mordekai bɛka faa Bigtana ne Teres ho no wom, ahemfie mpanimfoɔ mmienu a wɔhwɛ ɛpono ano a wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum* Ɔhene Ahasweros+ no. 3 Ɛnna ɔhene bisaa sɛ: “Deɛn na yɛayɛ de ahyɛ Mordekai animuonyam, na deɛn na yɛayɛ de abɔ n’aba so wɔ deɛ ɔyɛeɛ no ho?” Ɛnna ɔhene asomfoɔ no kaa sɛ: “Yɛnyɛɛ hwee mmaa no.”
4 Akyire yi ɔhene bisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ adihɔ hɔ?” Saa berɛ no, na Haman aba ahemfie no adihɔ hɔ+ sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene ama wɔasɛn Mordekai wɔ dua a ɔno Haman ayɛ ama no no so.+ 5 Ɔhene asomfoɔ no kaa sɛ: “Haman+ na ɔgyina adihɔ hɔ.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Momma no mmra mu.”
6 Berɛ a Haman wuraa mu no, ɔhene bisaa no sɛ: “Deɛn na yɛnyɛ mma ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam?” Ɛnna Haman kaa n’akomam sɛ: “Mennye nni sɛ obi wɔ hɔ a ɔhene bɛpɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam sene me.”+ 7 Enti Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no, 8 ma wɔmfa ahentaadeɛ+ a ɔhene hyɛ ne pɔnkɔ a ɔhene tena so a ahemmotire bɔ ne ti mmra. 9 Afei ma wɔmfa ataadeɛ no ne pɔnkɔ no nhyɛ ɔhene aberempɔn atitire no baako nsa, na wɔmfa ataadeɛ no nhyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no, na wɔmfa no ntena pɔnkɔ no so mfa kuro no mmɔnten so. Ma wɔnka nni n’anim sɛ: ‘Sei na wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no!’”+ 10 Ɛhɔ ara na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Yɛ no ntɛm! Fa ataadeɛ ne pɔnkɔ no, na yɛ deɛ woaka no pɛpɛɛpɛ ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene pono ano no. Deɛ woaka no, yɛ ne nyinaa.”
11 Enti Haman faa ataadeɛ ne pɔnkɔ no, na ɔde ataadeɛ no hyɛɛ Mordekai,+ na ɔde no tenaa pɔnkɔ no so faa kuro no mmɔnten so, na ɔka dii n’anim sɛ: “Sei na wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam!” 12 Wei akyi no, Mordekai san kɔɔ ɔhene pono no ano. Haman deɛ, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ ne fie. Ɔrekɔ nyinaa, na wakata ne ti redi awerɛhoɔ. 13 Berɛ a Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres+ ne ne nnamfo nyinaa no, n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ redi nkoguo wɔ n’anim yi yɛ Yudani* a, ɛnneɛ worentumi nni ne so nkonim; deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛdi nkoguo wɔ n’anim.”
14 Berɛ a wɔgu so ne no rekasa no, ɔhene mpanimfoɔ bae, na wɔyɛɛ ntɛm de Haman kɔɔ ɛpono a na Ester ato no ase.+