25 Ɛnna Bildad+ a ɔfiri Suha no kaa sɛ:
2 “Tumidie yɛ ne dea, na ne ho yɛ hu sɛ!
Ɔma asomdwoeɛ ba soro.
3 Obi bɛtumi akan n’asraafoɔdɔm anaa?
Na hwan na ne hann renhyerɛn wɔ ne so?
4 Enti ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani ayɛ ɔteneneeni wɔ Onyankopɔn anim?+
Na onipa a ɔbaa awo no deɛ, ɔbɛyɛ dɛn aka sɛ ne ho nni asɛm?+
5 Bosome mpo nhyerɛn,
Na nsoromma nso, ɛho nte wɔ n’ani so.
6 Ɛnneɛ onipa dasani a ɔyɛ aboaa yi deɛ, ɔbɛbu no sɛn,
Onipa ba a ɔyɛ sonsono yi?”