35 Elihu toaa so kaa sɛ:
2 “Wogye di paa sɛ woyɛ ɔteneneeni, a enti woka sɛ,
‘Metene sene Onyankopɔn’?+
3 Ɛfiri sɛ woka sɛ, ‘Meyɛ deɛ ɛtene mpo a, sɛ ɛmfa wo ho?
Meyɛɛ bɔne mpo a, sɛ anka ɛyɛ?’+
4 Mɛma wo mmuaeɛ,
Wo ne wo nnamfo+ a wɔka wo ho no.
5 Ma w’ani so hwɛ soro na hwɛ;
Hwɛ mununkum+ a ɛwɔ soro koraa sene wo no.
6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛka no sɛn?+
Na sɛ woma wo mmarato dɔɔso a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ no?+
7 Sɛ woyɛ adetenenee a, ɛdeɛn na ɛma no nya,
Na deɛn na ɔnya firi wo hɔ?+
8 Woyɛ bɔne a, wo yɔnko nipa mmom na ɛbɛha no,
Na sɛ woyɛ adetenenee a, onipa ba na woyɛ ma no.
9 Nhyɛsoɔ bebrebe na ɛma nnipa team;
Wɔsu hwehwɛ deɛ ɔbɛyi wɔn afiri atumfoɔ nhyɛsoɔ ase.+
10 Nanso obiara mmisa sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Bɔfo Kɛseɛ no wɔ,+
Deɛ ɔma wɔto nnwom anadwo no?’+
11 Ɔkyerɛkyerɛ yɛn+ sene asaase so mmoa,+
Na ɔma yɛhunu nyansa sene wiem nnomaa.
12 Nnipa team, nanso ɔmmua,+
Abɔnefoɔ ahantan nti.+
13 Ampa, Onyankopɔn ntie esu hunu,+
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no mfa n’adwene nkɔ so.
14 Ɛnneɛ sɛ wokeka sɛ wonhu no a, ɛno na ɔbɛtie anaa?+
W’asɛm no da n’anim, enti kɔ so ara twɛn no.+
15 Ɛfiri sɛ ɔmfaa abufuo mmɛtwee w’aso,
Na ɔmfaa n’adwene nkɔɔ wo kasa hunu no so.+
16 Hiob bue n’ano kwa;
Ɔkeka nsɛm pii a ɔnni ho nimdeɛ.”+