36 Elihu toaa so sɛ:
2 “Nya aboterɛ kakra ma me, na menkyerɛkyerɛ mu,
Ɛfiri sɛ meda so wɔ nsɛm bi a ɛsɛ sɛ meka ma Onyankopɔn.
3 Deɛ menim no, mɛka ne nyinaa,
Na mɛka sɛ me Bɔfo no di bem.+
4 Ampa, atorɔ biara nni asɛm a mereka no mu;
Deɛ Ne nimdeɛ wie pɛyɛ no+ na ɔgyina w’anim yi.
5 Nokwasɛm nie, Onyankopɔn yɛ otumfoɔ,+ na ɔmpo onipa biara;
Ne nteaseɛ mu dɔ.
6 Ɔremmɔ abɔnefoɔ nkwa ho ban,+
Na mmɔborɔwafoɔ deɛ, ɔbɛma wɔanya atɛntenenee.+
7 N’ani wɔ ateneneefoɔ so daa;+
Ɔde wɔn si ahennwa so te sɛ ahemfo,+ na ɔhyɛ wɔn animuonyam daa.
8 Nanso sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn,
Na amanehunu nhoma kye wɔn a,
9 Ɔma wɔhunu deɛ wɔayɛ,
Na ɔma wɔhunu mmarato a wɔn ahomasoɔ akɔfa aba.
10 Ɔbue wɔn aso ma ntenesoɔ,
Na ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri bɔne ho.+
11 Sɛ wɔtie na wɔsom no a,
Wɔn nna a aka no, wɔbɛdi yie,
Na mfeɛ a wɔbɛdie nyinaa, wɔn ani bɛgye.+
12 Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ wɔde sekan bɛkunkum wɔn,+
Na wɔbɛwu a wɔnni nimdeɛ.
13 Wɔn a bɔne adidi wɔn akomam no, wɔn na wɔde abufuo hyɛ wɔn mu.
Sɛ ɔkyekyere wɔn mpo a, wɔnsu nhwehwɛ mmoa.
14 Wɔwuwu berɛ a wɔnnyiniiɛ,+
Na wɔne tuutuufoɔ mmarima a wɔwɔ asɔrefie na ɛdi hwebom.+
15 Nanso Onyankopɔn gye mmɔborɔwafoɔ firi wɔn amanehunu mu;
Sɛ nkurɔfoɔ teetee wɔn a, Ɔbue wɔn aso.
16 Ɔtwe wo firi amanehunu ho,+
Na ɔde wo ba baabi a ɛhɔ trɛ a ɛhɔ nkyere,+
Na ɔde nnuane pa gu wo pono so de kyekye wo werɛ.+
17 Na atemmuo a ɛbɛba abɔnefoɔ so no bɛma w’akoma atɔ wo yam,+
Berɛ a wɔabu atɛn na atɛntenenee ayɛ adwuma no.
18 Nanso hwɛ yie na abufuo amma woannya obi ho tan,+
Na mma adanmudeɛ kɛseɛ nnnaadaa wo.
19 Wogye di sɛ wo sufrɛ
Anaa wo mmɔdemmɔ bebrebe no bi bɛtumi ayi wo afiri amanehunu mu?+
20 Nka sɛ wonyae a anka anadwo aba,
Anadwo a nnipa yera firi baabi a wɔwɔ no.
21 Hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne;
Fa amanehunu mmom, na nkɔyɛ bɔne.+
22 Hwɛ! Onyankopɔn nam ne tumi so nya animuonyam;
Ɔkyerɛkyerɛfoɔ bɛn na ɔte sɛ no?
23 Hwan na wakyerɛ No kwan+
Na hwan na waka akyerɛ No sɛ, ‘Deɛ woayɛ yi deɛ, ɛnyɛ’?+
24 Kae na kamfo ne nnwuma+
A nnipa ato ho dwom no.+
25 Nnipa nyinaa ahunu;
Onipa dasani gyina akyirikyiri hwɛ.
26 Ampa! Sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ kɛseɛ no, ɛboro yɛn nteaseɛ so;+
Mfeɛ a wadi nso, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu.+
27 Ɔtwe nsuo a ɛsosɔ kɔ soro;+
Ɔma ɛdane ɛbɔ, na ɛdane bɛyɛ nsuo a ɛtɔ;
28 Afei mununkum hwie nsuo no gu fam;+
Na ɛtɔ gu nnipa so.
29 Wohwɛ a, obi bɛtumi ate sɛdeɛ mununkum ahyehyɛ no ase?
Aprannaa a ɛbobom wɔ Ne ntomadan mu no, obi bɛtumi ate aseɛ anaa?+
30 Hwɛ sɛdeɛ ɔtrɛ n’anyinam+ mu wɔ so,
Na hwɛ sɛdeɛ wakata ɛpo bunu so.
31 Weinom na ɔde hwɛ nnipa;
Ɔma aduane bu so ma wɔn.+
32 Ɔde ne nsa kata anyinam so,
Na ɔkyerɛ no kwan kɔ baabi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ.+
33 N’aprannaa ka ne ho asɛm,
Na nyɛmmoa mpo ma yɛhunu deɛ ɔreba.