Deuteronomium 32:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ,+Na n’akwan nyinaa tene.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+ Dwom 11:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa tene,+ na ɔdɔ adetenenee.+ Teefoɔ na wɔbɛhu n’anim.*+ Dwom 139:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mɛyi wo ayɛ ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+ Wo nnwuma yɛ nwanwa,+Na menim* wei paa. Daniel 9:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Enti Yehowa, wotwɛneeɛ, na berɛ a ɛfata no wode mmusuo baa yɛn so. Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotene wɔ nnwuma a woayɛ nyinaa mu, nanso yɛantie w’asɛm.+ Adiyisɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ná wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa+ no dwom sɛ: “Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+
4 Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ,+Na n’akwan nyinaa tene.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+
14 Mɛyi wo ayɛ ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+ Wo nnwuma yɛ nwanwa,+Na menim* wei paa.
14 “Enti Yehowa, wotwɛneeɛ, na berɛ a ɛfata no wode mmusuo baa yɛn so. Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotene wɔ nnwuma a woayɛ nyinaa mu, nanso yɛantie w’asɛm.+
3 Ná wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa+ no dwom sɛ: “Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+