Hiob
37 “Seesei m’akoma rebɔ kim-kim-kim,
Na ɛrehurihuri firi baabi a ɛwɔ.
4 Afei mmobomu kɛseɛ di akyire ba;
Ɔde nne kɛseɛ ma aprannaa bobom.+
Berɛ a ne nne rebobom nyinaa, na ɛno* nso nenam mu.
6 Ɛfiri sɛ ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asaase so,’+
Na ɔka kyerɛ nsuo a ɛretɔ sɛ, ‘Tɔ gidigidi.’+
8 Wuram mmoa kɔ wɔn bɔn mu,
Na wɔmpue mfiri wɔn bɔn no mu.
11 Aane, ɔma nsuo yɛ mununkum ma;
Ɔbɔ n’anyinam hwete+ mununkum mu.
12 Ɛtwa ne ho frɛdɛfrɛdɛ kɔ baabiara a ɔkyerɛ sɛ ɛnkɔ;
Deɛ ɔbɛka sɛ ɛnkɔyɛ wɔ asaase so biara no, ɛkɔyɛ.+
13 Sɛ ɔde twe nkurɔfoɔ aso* oo,+ ɔde yɛ asaase yie oo,
Sɛ ɔde kyerɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ oo, ɔma ɛdi ho dwuma.+
15 Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn ma mununkum yɛ adwuma?
Na wonim sɛdeɛ ɔma anyinam paapae wɔ ne mununkum mu no?
16 Wonim deɛ ɛma mununkum tumi sensɛn hɔ?+
Wei yɛ Deɛ ne nimdeɛ wie pɛyɛ no anwanwadwuma.+
19 Kyerɛ yɛn deɛ yɛnka nkyerɛ no;
Yɛwɔ sum mu, enti yɛnhunu deɛ yɛnka.
20 Mɛtumi aka akyerɛ no sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa?
Anaasɛ onipa bi aka biribi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ No amanneɛ?+
24 Ɛno nti, ɛsɛ sɛ nnipa suro no.+
Ɛfiri sɛ obiara a ɛyɛ no sɛ ɔyɛ onyansafoɔ* no, ɔrenyɛ no adom.”+