Hiob
42 Ɛnna Hiob ka kyerɛɛ Yehowa sɛ:
2 “Seesei mahunu sɛ wotumi adeɛ nyinaa yɛ,
Na biribiara a woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no, wobɛtumi ayɛ.+
3 Wokaa sɛ, ‘Hwan na ɔnni nimdeɛ a ɔmpɛ sɛ nkurɔfoɔ hunu m’afotuo yi?’+
Ampa mekasae, nanso na mente aseɛ,
Mekaa nneɛma a ɛyɛ me nwanwa dodo ho asɛm, nneɛma a mennim.+
4 Wokaa sɛ, ‘Tie, na merebɛkasa.
Merebɛbisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.’+
5 Mate wo ho asɛm,
Na seesei deɛ, mede m’ani ahu wo.
7 Berɛ a Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ɔfiri Teman no sɛ:
“Me bo afu wo ne wo nnamfo mmienu no paa,+ ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ+ te sɛ m’akoa Hiob. 8 Enti momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob hɔ, na mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma mo ho;+ na m’akoa Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo. Sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛtie n’adesrɛ no,* na manhwɛ mo nkwaseasɛm no ho ne mo anni, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ te sɛ m’akoa Hiob.”
9 Enti Elifas a ɔfiri Teman ne Bildad a ɔfiri Suha ne Sofar a ɔfiri Naama no kɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no. Na Yehowa tiee Hiob mpaebɔ no.
10 Berɛ a Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfo no wieeɛ no,+ Yehowa yii Hiob amanehunu no firii ne so,+ na ɔmaa ɛsii no yie bio.* Deɛ na Hiob wɔ kane no, Yehowa bɔɔ ho mmienu maa no.+ 11 Na ne nua mmarima ne ne nua mmaa nyinaa, ne ne nnamfo dada nyinaa+ baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie. Wɔmaa no hyɛden, na wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Yehowa maa kwan maa ɛbaa ne so no nyinaa ho. Na obiara maa no sika ne sika kɔkɔɔ kawa.
12 Na Yehowa hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ,+ na Hiob nyaa nnwan 14,000 ne yoma 6,000 ne anantwie 2,000* ne mfunumu abedeɛ 1,000.+ 13 Afei nso, ɔsan nyaa mma mmarima nson ne mma mmaa mmiɛnsa.+ 14 Ɔfrɛɛ ne babaa a ɔdi kan no Yemaima, deɛ ɔtɔ so mmienu no Kesia, na ɔfrɛɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no Keren-Hapuk. 15 Asaase no nyinaa so no, mmaa biara nni hɔ a na wɔn ho yɛ fɛ te sɛ Hiob mma mmaa no. Na wɔn papa maa wɔne wɔn nua mmarima no agyapadeɛ.
16 Ɛno akyi no, Hiob tenaa ase mfeɛ 140, na ɔhunuu ne mma ne ne mmanana kɔsii awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan so. 17 Hiob nyini kyɛe, na ɔnyaa asetena pa.* Afei ɔwui.