33 Ateneneefoɔ, Yehowa nti monni ahurisie.+
Ɛfata sɛ teefoɔ yi no ayɛ.
2 Momfa sankuten nna Yehowa ase;
Momfa sankuo a ɛso nhoma yɛ du nto ayeyi nnwom mma no.
3 Monto dwom foforɔ mma no;+
Monyere mo ho mmɔ sankuo ma no nyɛ dɛ na mommɔ ose nka ho,
4 Ɛfiri sɛ Yehowa asɛm di mu,+
Na sɛdeɛ ɔyɛ ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ.
5 Ɔdɔ tenenee ne atɛntenenee.+
Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ ahyɛ asaase so ma.+
6 Yehowa de n’anom asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro,+
Na honhom a ɛfiri n’anom na ɔde yɛɛ emu biribiara.
7 Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano te sɛ deɛ wagye ho ban,+
Na ɔma nsuo a ɛrebu fa so kɔgu akoraeɛ.
8 Momma asaase nyinaa nsuro Yehowa.+
Momma nnipa a wɔwɔ wiase ho mpopo n’anim.
9 Ɔno na ɔkaeɛ, na ɛbaa mu;+
Ɔno na ɔhyɛeɛ, na ɛyɛɛ hɔ.+
10 Amanaman no tu agyina a, Yehowa bɔ gu;+
Sɛ aman no fa adwene a, ɔma no yɛ kwa.+
11 Yehowa apɛdeɛ deɛ, ɛbɛgyina daa;+
N’akomam nsusuiɛ wɔ hɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
12 Anigyeɛ ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa;+
Nnipa a wayi wɔn sɛ n’agyapadeɛ.+
13 Yehowa firi soro hwɛ fam,
Na ɔhu nnipa mma nyinaa.+
14 Ɔte ne tenabea hɔ,
Na ɔhwɛ wɔn a wɔtete asaase so.
15 Ɔno na ɔnwene obiara akoma;
Ɔpɛɛpɛɛ wɔn nnwuma nyinaa mu.+
16 Ɔhene biara nni hɔ a asraafoɔ dodoɔ bɛtumi agye no nkwa;+
Ɔkatakyie nso, ɛnyɛ n’ahoɔden dodoɔ na ɛbɛgye no.+
17 Mfa wo ho nto pɔnkɔ so, ɛfiri sɛ ɔrentumi nnye wo nkwa.+
Ahoɔden dodoɔ a pɔnkɔ wɔ no ntumi nnye onipa nkwa.
18 Hwɛ! Yehowa hwɛ wɔn a wɔsuro no no so;+
Wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a ɛnni hwammɔ no, ɔhwɛ wɔn so,
19 Ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn firi owuo mu,
Na ɔgye wɔn nkwa wɔ ɛkɔm berɛ mu.+
20 Yɛn ani da Yehowa so.
Ɔno ne yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm.+
21 Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,
Ɛfiri sɛ yɛgye ne din kronkron no di.+
22 O Yehowa, ma wo dɔ a ɛnni hwammɔ ntena yɛn so,+
Na wo na yɛn ani da wo so.+