Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; wɔto no Mahalat* kwan so. Maskil.* Dawid dwom.
53 Onipa a ɔnni adwene* ka no n’akomam sɛ:
“Yehowa biara nni hɔ.”+
Wɔn nneyɛɛ a ɛntene no nyɛ koraa, na wɔyɛ akyiwadeɛ.
Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+
2 Onyankopɔn deɛ, ɔfiri soro hwɛ nnipa mma;+
Ɔrehwɛ sɛ ɔbɛhu obi a ɔwɔ nhunumu anaa obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+
3 Wɔn nyinaa afom kwan;
Wɔn nyinaa aporɔ.
Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,
Baako mpo nni hɔ.+
4 Nnebɔneyɛfoɔ no mu biara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ anaa?
Wɔmemene me man sɛdeɛ wɔanya paanoo redie.
Wɔmmɔ Yehowa mpaeɛ.+
5 Ehu kɛseɛ bɛka wɔn,
Ehu a ebi nkaa wɔn da,*
Ɛfiri sɛ wɔn a wɔto hyɛ wo so no,* Onyankopɔn bɛbɔ wɔn nnompe apete.
Wobɛma wɔn ani awu, ɛfiri sɛ Yehowa apo wɔn.
6 Sɛ Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba,+
Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfoɔ a wɔakɔdi obi man so no ano aba a,
Ɛnneɛ ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurisie.