-
Dwom 14:1-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Onipa a ɔnni adwene* ka no n’akomam sɛ:
“Yehowa biara nni hɔ.”+
Wɔn suban asɛe koraa, na wɔyɛ akyiwadeɛ.
Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+
2 Yehowa deɛ, ɔfiri soro hwɛ nnipa mma;
Ɔrehwɛ sɛ ɔbɛhu obi a ɔwɔ nhunumu anaa obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+
Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,
Baako mpo nni hɔ.
4 Nnebɔneyɛfoɔ no mu biara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ anaa?
Wɔmemene me man sɛdeɛ wɔanya paanoo redie.
Wɔmmɔ Yehowa mpaeɛ.
7 Sɛ Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba,+
Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfoɔ a wɔakɔdi obi man so no ano aba a,
Ɛnneɛ ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurisie.
-