Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 53:atifi asɛm-6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; wɔto no Mahalat* kwan so. Maskil.* Dawid dwom.

      53 Onipa a ɔnni adwene* ka no n’akomam sɛ:

      “Yehowa biara nni hɔ.”+

      Wɔn nneyɛɛ a ɛntene no nyɛ koraa, na wɔyɛ akyiwadeɛ.

      Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+

       2 Onyankopɔn deɛ, ɔfiri soro hwɛ nnipa mma;+

      Ɔrehwɛ sɛ ɔbɛhu obi a ɔwɔ nhunumu anaa obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+

       3 Wɔn nyinaa afom kwan;

      Wɔn nyinaa aporɔ.

      Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,

      Baako mpo nni hɔ.+

       4 Nnebɔneyɛfoɔ no mu biara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ anaa?

      Wɔmemene me man sɛdeɛ wɔanya paanoo redie.

      Wɔmmɔ Yehowa mpaeɛ.+

       5 Ehu kɛseɛ bɛka wɔn,

      Ehu a ebi nkaa wɔn da,*

      Ɛfiri sɛ wɔn a wɔto hyɛ wo so no,* Onyankopɔn bɛbɔ wɔn nnompe apete.

      Wobɛma wɔn ani awu, ɛfiri sɛ Yehowa apo wɔn.

       6 Sɛ Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba,+

      Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfoɔ a wɔakɔdi obi man so no ano aba a,

      Ɛnneɛ ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurisie.

  • Romafoɔ 3:10-12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɔteneneeni biara nni hɔ, baako mpo nni hɔ;+ 11 obiara nni hɔ a ɔwɔ nhunumu biara; obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn. 12 Nnipa nyinaa afom kwan,* wɔn nyinaa adane adeɛ a mfasoɔ biara nni so; obiara nni hɔ a ɔda ayamyɛ adi, baako pɛ mpo nni hɔ.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane