Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam.* Saa berɛ no, Saul nti na wadwane akɔhyɛ ɔbodan mu.+
57 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,
Na wo na mede wo ayɛ me* dwankɔbea;+
Wo ntaban nwunu ase na mede ayɛ me dwankɔbea kɔsi sɛ ɔhaw no bɛtwam.+
2 Ɔsorosoroni Nyankopɔn na mesu frɛ no,
Mesu frɛ nokorɛ Nyankopɔn no, na me nti ɔma ɔhaw no to twa.
3 Onyankopɔn bɛsoma afiri soro abɛgye me.+
Ɔbɛma deɛ ɔpɛ sɛ ɔmene me no agyinatuo ayɛ kwa. (Sela)
Onyankopɔn bɛsoma ne dɔ a ɛnni hwammɔ ne ne nokorɛ.+
Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔmene me no ntam na meda;
Wɔn se te sɛ mpea ne agyan,
Na wɔn kɛtrɛma te sɛ sekan a ano yɛ nnam.+
Wɔatu amena wɔ m’anim,
Nanso wɔn ankasa akɔtɔ mu.+ (Sela)
Mɛto ayeyi dwom ama wo.
8 M’animuonyam, nyane ɛ;
O sankuo, nyane; sankuten, wo nso nyane.
Mɛnyane ahomakye.+