Dwom
71 O Yehowa, wo na mede wo ayɛ me dwankɔbea.
Mma m’anim nngu ase da.+
2 Wo tenenee nti twitwa gye me, na gye me nkwa.
3 Bɛyɛ ɔbotantim ma me
Na daa manya baabi akɔtɛ.
Soma ma obi mmɛgye me nkwa,
Ɛfiri sɛ wone me botan ne m’abandenden.+
5 Ɛfiri sɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone m’anidasoɔ;
Mɛyi wo ayɛ daa.
7 Me ho yɛ nnipa bebree nwanwa,
Nanso menim sɛ wone me dwankɔbea.
10 M’atamfo kasa tia me,
Na wɔn a wɔrepɛ me aku me* no bom tu agyina.+
11 Wɔka sɛ: “Onyankopɔn agyaa no.
Monti no na monkye no, ɛfiri sɛ ɔnni ɔgyefoɔ.”+
12 O Onyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.
O me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.+
Wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no,
Ma wɔmfira aniwuo ne animguaseɛ.+
14 Na me deɛ, mɛtwɛn daa;
Ayeyie a mede ma wo no, mede bi bɛka ho.
16 O Awurade Tumfoɔ Yehowa,
Mɛkɔ akɔka wo tumi kɛseɛ no ho asɛm,
Mɛka wo tenenee ho asɛm; wo nko ara wo deɛ na mɛka ho asɛm.
18 O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwene mpo a, nnya me.+
Ma menka wo tumi* ho asɛm nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ,
Na menka wo kɛseyɛ ho asɛm nkyerɛ nkyirimma+ nyinaa.
19 O Onyankopɔn, wo tenenee kɔduru sorosoro;+
Nneɛma akɛseɛ na woayɛ;
O Onyankopɔn, hwan koraa na ɔte sɛ wo?+
21 Ma m’animuonyam nyɛ kɛseɛ,
Na bɛbɔ me ho ban na kyekye me werɛ.
O Israel Kronkronni,
Mede sankuten bɛto nnwom ayi wo ayɛ.*