Dwom
Dawid mpaebɔ.
2 Hwɛ me* so, na meyɛ ɔnokwafoɔ.+
Gye w’akoa a mede me ho ato wo so,
Ɛfiri sɛ wone me Nyankopɔn.+
5 O Yehowa, woyɛ,+ na woyi wo yam de bɔne kyɛ;+
Wo dɔ a ɛnni hwammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.+
11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me ma menhu wo kwan.+
Mɛnante wo nokorɛ mu.+
Ma memfa m’akoma nyinaa nsuro* wo din.+
12 O Yehowa me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛyi wo ayɛ,+
Na mɛhyɛ wo din animuonyam akɔsi daa,
13 Ɛfiri sɛ ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a woada no adi akyerɛ me no dɔɔso,
15 Nanso Yehowa, wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn a wowɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ,*
Wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano, na wo nokorɛdie dɔɔso.+
16 Twa w’ani bɛhwɛ me, na dom me.+
Ma w’akoa ahoɔden,+
Na w’afenaa ba no, gye no nkwa.
O Yehowa, wo ne me boafoɔ ne me werɛkyekyefoɔ.