2 Enti ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asaase so no mekaeɛ no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na medwanee sɛ merekɔ Tarsis no,+ ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ Onyankopɔn a wowɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu, wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ na ɛha wo sɛ wobɛma amanehunu aba.