Dwom
95 Mommra, momma yɛmfa ahurisie nyi Yehowa ayɛ!
Momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.+
Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,+
8 Mommpirim mo akoma sɛdeɛ ɛsii wɔ Meriba,*+
Sɛdeɛ ɛkɔɔ so Masa* da no wɔ serɛ so hɔ no;+
9 Saa berɛ no, mo agyanom sɔɔ me hwɛeɛ;+
Ná wɔahu me nnwuma, nanso wɔgyegyee me.+
10 Awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me abofono mfeɛ 40, na mekaa sɛ:
“Wɔyɛ ɔman a daa wɔfom kwan wɔ wɔn akoma mu,
Na wɔnhuu m’akwan.”
11 Enti mede abufuo kaa ntam sɛ:
“Wɔrenkɔ me home mu.”+