Dwom
115 Yɛn deɛ, yɛmfata, O Yehowa, yɛmfata;*
Wo din na hyɛ no animuonyam+
Ɛsiane wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie nti.+
2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ:
“Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”+
3 Yɛn Nyankopɔn no wɔ soro;
Deɛ ɛsɔ n’ani biara ɔyɛ.
Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;
6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;
Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa;
7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔntumi nsɔ adeɛ mu.
Wɔwɔ nan, nanso wɔntumi nnante;+
Nnyegyeeɛ biara mfiri wɔn menewa mu mma.+
8 Obiara a ɔyɛ saa ahoni no, ɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+
Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+
13 Yehowa bɛhyira wɔn a wɔsuro no,
Nketewa ne akɛseɛ nyinaa.
18 Nanso yɛn deɛ, yɛbɛyi Yah ayɛ
Firi nnɛ kɔsi daa.
Monyi Yah ayɛ!*