Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
139 O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wonim me.+
2 Sɛ metena ase a wonim, na mesɔre nso a, wonim.+
Woahu m’adwene firi akyirikyiri.+
5 M’anim ne m’akyi nyinaa, wobɔ me ho ban hyia;
Wode wo nsa sɔ me mu.
6 Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so.*
Ɛwɔ soro ma me dodo sɛ mɛduru hɔ.*+
9 Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu
Kɔtena ɛpo akyi nohoa a,
10 Ɛhɔ mpo, wo nsa na ɛbɛkyerɛ me kwan,
Na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.+
11 Sɛ meka sɛ: “Esum ara na ɛbɛkata me so!” a,
Ɛnneɛ esum a atwa me ho ahyia no bɛdane hann.
14 Mɛyi wo ayɛ ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+
16 Meyɛ mogyatoa mpo no, w’ani huu me;
Berɛ a wɔnwenee m’akwaa nyinaa no, wɔtwerɛɛ ho asɛm
Wɔ wo nwoma mu
Ansa na emu biara mpo reba.
17 Ɛno nti, wo nsusuiɛ som bo ma me paa.+
O Onyankopɔn, ne dodoɔ nni ano!+
18 Sɛ mese merekan a, ɛbɛdɔɔso asene anwea.+
Sɛ meda sɔre a, mɛkɔ so ara akan.*+
19 O Onyankopɔn, sɛ wokum ɔdebɔneyɛfoɔ a,+
Anka awudifoɔ* bɛfiri me ho akɔ,
20 Wɔn na wɔde adwemmɔne keka wo ho nsɛm;*
Wɔyɛ w’atamfo a wɔde wo din di agorɔ.+
23 O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu deɛ ɛwɔ m’akoma mu.+
Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwene.+