Solomon Dwom
(NNWOM MU DWOM)
1 Nnwom mu dwom;* ɛyɛ Solomon dwom:+
Wo din te sɛ ngohwam a wɔrehwie.+
Ɛno nti na mmabaawa dɔ wo no.
4 Fa me di w’akyi;* ma yɛntu mmirika.
Ɔhene de me aba ne mpia mu!
Ma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.
Ma yɛnkamfo wo dɔ nsene nsã.*
Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔdɔ* wo saa.
5 O Yerusalem mma mmaa, meyɛ ɔbaa tuntum, nanso me ho yɛ fɛ,
6 Monnhwɛ me hãã, ɛsiane sɛ mebiri nti,
Ɛsiane sɛ awia ahye me nti.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a ɔde adeɛ akata n’anim,*
Na mekyinkyini wo nnamfonom nnwan mu?”
8 “O mmaa mu hoɔfɛfoɔ, sɛ wonnim hɔ a,
Kɔdi nnwan no anammɔn akyi
Na ma wo mpɔnkye mma nnidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.”
9 “M’akomam hemmaa, m’ani so deɛ, wote sɛ pɔnkɔbedeɛ* a ɔtwe Farao nteaseɛnam.+
15 “Hwɛ, m’akomam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!
Mese, ahoɔfɛ adware wo! W’ani te sɛ aburuburo ani.”+
16 “Aa! Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ, na wo ho nso twa.+
Ahabammono frɔmfrɔm na ɛyɛ yɛn mpa.