3 “Anadwo a meda me mpa so no,
Mehwehwɛɛ deɛ medɔ no no.+
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.+
2 Mɛsɔre akɔkyinkyini kurom;
Mɛkɔ akɔfa mmɔnten so ne dwa so,
Ma menhwehwɛ deɛ medɔ no no.
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
3 Awɛmfoɔ a wɔnenam kurom no huu me.+
Ɛnna mebisaa wɔn sɛ, ‘Moahunu deɛ medɔ no no?’
4 Berɛ a mesian wɔn ho ara pɛ
Na mehuu deɛ medɔ no no.
Mesɔɔ ne mu, na mannyaa ne mu
Kɔsii sɛ mede no baa me maame fie,+
Deɛ ɔnyinsɛn me no dan mu.
5 O Yerusalem mma mmaa,
Mede ɔtwe ne wuram wansane ka ntam gu mo so sɛ:
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.”+
6 “Deɛn na ɛfiri serɛ so reba sɛ wisie kumɔnn yi?
Deɛn na kurobo ne ɛhyɛ
Ne odwadini nnuhwam nyinaa bi agye ho yi?”+
7 “Hwɛ! Ɛyɛ Solomon mpa.
Mmarima akatakyie 60 atwa ho ahyia,
Israel mmarima akatakyie.+
8 Sekan hyehyɛ wɔn nyinaa ho,
Wɔn nyinaa aben wɔ ɛko mu.
Obiara sekan bɔ n’asene,
Sekan a ɔde wɛn, anadwo nneɛma a ɛyɛ hu nti.”
9 “Ɛyɛ Ɔhene Solomon apakan
A ɔde Lebanon nnua ayɛ.+
10 Ɔde dwetɛ ayɛ ne nan,
Na ɔde sika kɔkɔɔ ayɛ ne nnyinasoɔ.
N’adwa yɛ ntoma afasebire;
Yerusalem mma mmaa
Adura emu nso fɛfɛɛfɛ.”
11 “O Sion mma mmaa, mompue.
Monkɔhwɛ Ɔhene Solomon
Sɛ wahyɛ ayeforɔ kyɛ a ne maame+ yɛ maa no
Ɛda a ɔwareeɛ no,
Ɛda a n’akoma dii ahurisie no.”