Yesaia
29 “Due Ariel,* Ariel, kuro a Dawid tenaa mu!+
Monni no afe biara;
Monni mo afahyɛ nyinaa nhyia.+
Na mede nnua a ano yɛ mfeamfeaa bɛka wo ahyem
Na ɛbɛba mpofirim, prɛko pɛ.+
6 Asafo Yehowa bɛba abɛhwɛ wo;
Ɔde aprannaa ne asaasewosoɔ ne mmobɔmu,
Ɔde ahum ne mframa gyampantrudu ne gyaframa.”+
7 Afei aman a wɔne Ariel reko nyinaa mu nnipadɔm,+
Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne no reko nyinaa,
Akoban a wɔasi atwa ne ho ahyia,
Ne wɔn a wɔama ne ho ayera no nyinaa,
Ɛbɛyɛ sɛ daeɛ, anadwo anisoadehunu bi.
8 Ɛbɛyɛ sɛ obi a ɛkɔm de no a waso daeɛ sɛ ɔredidie,
Nanso ɔbɛsɔre no na ɛkɔm da so ara de no.*
Anaa obi a sukɔm de no a waso daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,
Nanso ɔbɛsɔre no na wabrɛ, na na sukɔm da so ara de no.*
Saa ara na ɛbɛto amanaman mu nnipadɔm
A wɔne Sion Bepɔ bɛko no nyinaa.+
Wɔabobo, nanso ɛnyɛ nsã* ntira;
Wɔkɔ afã-afã, nanso ɛnyɛ nsã a ɛborɔ ntira.
Na wakata mo ti, mo a moyɛ adehunufoɔ no.+
11 Anisoadehunu biara bɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔatare ano mu nsɛm.+ Sɛ wɔde ma obi a ɔnim akenkan, na wɔka kyerɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw kenkan wei den a,” ɔbɛka sɛ: “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔatare ano.” 12 Na sɛ wɔde nwoma no ma obi a ɔnnim akenkan, na wɔka kyerɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw kenkan wei a,” ɔbɛka sɛ: “Mennim akenkan koraa.”
13 Yehowa ka sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me,
Na wɔde wɔn ano na ɛdi me ni,+
Na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri;
Wɔgyina nnipa ahyɛdeɛ a wɔakyerɛ wɔn so na ɛsuro me.+
14 Enti, me ne ɔman yi bɛdi anwanwasɛm bio,+
Ɛbɛyɛ wɔn nwanwa asan ayɛ wɔn nwanwa;
Na wɔn anyansafoɔ nyansa bɛsɛe,
Na wɔn mmadwemma nteaseɛ bɛtu ayera.”+
15 Wɔn a wɔde wɔn nhyehyɛeɛ* sie Yehowa fee no nnue.+
Wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum mu,
Na wɔka sɛ: “Hwan na ɔhu yɛn?
Hwan na ɔnim deɛ yɛreyɛ?”+
16 Mo a mosi nneɛma tiri ase!*
Ɛsɛ sɛ wɔbu ɔnwemfoɔ ne dɔteɛ nyinaa pɛ anaa?+
Ɛsɛ sɛ adeɛ a wɔayɛ ka fa ne yɛfoɔ ho sɛ:
“Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me”?+
Na anwenneɛ bɛtumi aka ne nwemfoɔ ho asɛm sɛ:
“Ɔnnim hwee” anaa?+
18 Saa da no, wɔn a wɔn aso asi bɛte nwoma no mu nsɛm,
Na anifirafoɔ bɛfiri kusuuyɛ ne sum mu ahunu adeɛ.+
19 Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie pii wɔ Yehowa mu,
Na nnipa mu ahiafoɔ bɛgye wɔn ani wɔ Israel Kronkronni no mu.+
20 Ɛfiri sɛ otirimuɔdenfoɔ bɛfiri hɔ,
Deɛ ɔhoahoa ne ho awieeɛ bɛba,
Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔrepɛ bɔne adi nyinaa,+
21 Wɔn a wɔnam nkontompo so ma afoforɔ di fɔ,
Wɔn a wɔsum deɛ ɔhwɛ ma atɛntenenee yɛ adwuma* wɔ kuro pono ano no fidie,+
Na wɔnam akyinnyehunu so ma wɔbu ɔteneneeni atɛnkyea.+
22 Enti deɛ Yehowa a ɔgyee Abraham+ no aka akyerɛ Yakob fie nie:
23 Sɛ ɔhunu sɛ ne mma
A wɔyɛ me nsa ano adwuma no wɔ ne mfimfini a,+
Wɔbɛte me din ho,
Aane, wɔbɛte Yakob Kronkronni no din ho,
Na wɔbɛsuro Israel Nyankopɔn.+
24 Wɔn a wɔn adwene akyea no bɛnya nteaseɛ,
Na wɔn a wɔnwiinwii no bɛtie akwankyerɛ.”