Yesaia
50 Deɛ Yehowa aka nie:
“Awaregyaeɛ krataa a mede gyaa mo maame awareɛ no wɔ he?+
Na hwan na mede no ka a enti metɔn mo maa no?
2 Adɛn nti na mebaeɛ no na obiara nni ha?
Na adɛn nti na mefrɛeɛ no obiara annye so?+
Me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye mo anaa?
Anaa menni tumi a mede bɛyi mo?+
Emu nam porɔ, nsuo a ɛnni mu nti,
Na sukɔm nti, wɔwuwu.
Ɔnyane me anɔpa biara;
Ɔnyane m’aso ma metie te sɛ asuafoɔ.+
Mansan m’akyi.+
Mamfa m’anim anhinta animguaseɛ ne ntasuo.+
7 Nanso Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛboa me.+
Enti m’anim rengu ase.
Ɛno nti, mama m’anim ayɛ sɛ ɛboɔ a ɛyɛ den,+
Na menim sɛ m’ani renwu.
8 Deɛ ɔbu me bem no bɛn me.
Hwan na ɔbɛtumi abɔ me soboɔ?*+
Ɔmma yɛnsɔre nnyina hɔ.*
Hwan na ɔne me wɔ asɛm?
Ma no mmɛn me.
9 Hwɛ! Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛboa me.
Hwan na ɔbɛbu me fɔ?
Hwɛ! Wɔn nyinaa bɛgo sɛ ntomago.
Nweweboaa bɛwe wɔn ama wɔasa.
Hwan na wafa esum kabii mu a hann biara nni hɔ?
Ma no mfa ne ho nto Yehowa din so, na ɔmfa ne werɛ nhyɛ ne Nyankopɔn mu.
Deɛ mobɛnya afiri me nsam nie:
Yea mu na mobɛdeda hɔ.