Yesaia
54 “Bonini a wonwoeɛ, di ahurisie!+
Ma wo ntomadan kɛseɛ no ntoma mu ntrɛ.
Twe mu ara. Ma wo ntomadan nhoma nyɛ atenten,
Na nnua a wode bɛbobɔ wo ntomadan mu atim fam no, ma emu nyɛ den.+
3 Ɛfiri sɛ wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum.
Wo mma bɛfa aman adi so,
Na wɔbɛkyekyere nkuro a asɛe na wɔatena mu.+
Ɛfiri sɛ wo werɛ bɛfi wo mmabaaberɛm aniwuo,
Na worenkae wo kunayɛ mu animguaseɛ bio.”
5 “Na wo Yɛfoɔ Kɛseɛ+ no te sɛ wo kunu,*+
Asafo Yehowa ne ne din,
Na Israel Kronkronni no ne wo Gyefoɔ.+
Wɔbɛfrɛ no asaase nyinaa Nyankopɔn.+
6 Yehowa frɛɛ wo te sɛ ɔbaa a ne kunu apo no ama ɔredi awerɛhoɔ,*+
Te sɛ ɔbaa a ɔwaree ne mmabaaberɛm na wɔapo no,” wo Nyankopɔn na aka.
8 Berɛ a me bo fuiɛ no,* mede m’anim hintaa wo berɛ tiaa bi,+
Nanso me dɔ a ɛnni hwammɔ a ɛwɔ hɔ daa nti, mɛhu wo mmɔbɔ,”+ wo Gyefoɔ+ Yehowa na aka.
9 “Wei te sɛ Noa nna no ma me.+
Sɛdeɛ maka ntam sɛ Noa nsuo no renkata asaase so bio no,+
Saa ara na mereka ntam sɛ, me bo remfu wo bio, na merenka w’anim bio.+
10 Mmepɔ bɛfiri hɔ,
Na nkokoɔ bɛhinhim,
Nanso me dɔ a ɛnni hwammɔ remfiri wo so,+
Na m’asomdwoeɛ apam nso renhinhim,”+ Yehowa a ɔhu wo mmɔbɔ no na aka.+
11 “O ɔbaa a wo ho yera wo,+ wo a mframa abɔ wo a wonni awerɛkyekyerɛ biara,+
Mede dɔteɛ* a ɛyɛ den bɛhyehyɛ w’aboɔ,
Na mede hoaboɔ+ bɛto wo fapem.
12 W’aban atifi no, aboɔden aboɔ kɔkɔɔ na mede bɛsi,
Na mede aboɔ a ɛtwa yerɛwyerɛw* bɛyɛ wo kuro apono,
Na mede aboɔ a ne boɔ yɛ den ato w’ahyeɛ nyinaa.
14 W’ase bɛtim wɔ tenenee mu.+
15 Sɛ obi bɛto hyɛ wo so a,
Ɛnneɛ na ɛmfiri me.
Obiara a ɔbɛto ahyɛ wo so no, wo nti ɔbɛhwe ase.”+
Me ara nso na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛe adeɛ.+
17 Akodeɛ biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yie,+
Na kɛtrɛma biara a ɛbɛkasa atia wo wɔ atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ.
Wei ne Yehowa asomfoɔ agyapadeɛ,
Na wɔn tenenee firi me,” Yehowa na aka.+