Hesekiel
30 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Mommɔ bena, ‘Hwɛ, ɛda no reba!’
3 Ɛda no abɛn, Yehowa da no abɛn.+
Ɛbɛyɛ mununkum da;+ amanaman no berɛ.+
4 Wɔbɛtwe Egypt so sekan, na sɛ nnipa wuwu wɔ Egypt a, ehu kɛseɛ bɛba Etiopia so.
Wɔbɛfa Egypt ahodeɛ na wɔadwiri ne fapem agu.+
5 Etiopia,+ Put,+ Lud, ne nnipa a wɔfiri aman foforɔ so* nyinaa,
Kub, ne wɔn a wɔte apam asaase so* nyinaa,
Wɔn nyinaa bɛwuwu sekan ano.”’
6 “Deɛ Yehowa aka nie:
‘Wɔn a wɔtaa Egypt akyi nso bɛwuwu,
Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase.’+
“‘Wɔbɛwuwu sekan ano afiri Migdol+ akɔsi Sine,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 7 ‘Na wɔbɛdane amamfo mu amamfo, na ne nkuro bɛsɛe koraa na ada mpan.+ 8 Na sɛ mede gya to Egypt mu na n’aboafoɔ nyinaa sɛe a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 9 Saa da no, mɛsoma nkurɔfoɔ ama wɔde hyɛn akɔ, na wɔbɛma Etiopia a ɔgye ne ho di no ho apopo. Egypt ahohia da no, ehu bɛka no, na ɛbɛba kwan biara so.’
10 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛfa Babilon hene Nebukadnesar* nsa so+ asɛe Egypt dɔm. 11 Mɛma ɔne n’asraafoɔ, atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman so no+ aba abɛsɛe asaase no. Wɔbɛtwe wɔn sekan wɔ Egypt so na wɔakunkum nnipa ahyɛ asaase no so ma.+ 12 Mɛma Nil asuasu+ awe adane asaase kesee na matɔn asaase no ama nnipabɔnefoɔ. Na mɛma ahɔhoɔ asɛe asaase no ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ama no adane amamfo.+ Me Yehowa na maka.’
13 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Afei mɛsɛe abosom fĩ* no, na mayi anyamehunu no afiri Nof.*+ Na ɔberempɔn biara remfiri Egypt asaase so mma bio, na mɛma ehu aka Egypt asaase.+ 14 Mɛsɛe Patros pasaa,+ mede gya bɛto Soan mu na mabu Noh* atɛn.+ 15 Mɛhwie m’abufuo agu Egypt abandenden Sin so, na mɛsɛe nnipa a wɔwɔ Noh no. 16 Mede gya bɛto Egypt mu, na ehu bɛka Sin. Wɔbɛbubu Noh, na atamfo bɛba Nof* so awia ketee! 17 Wɔde sekan bɛkunkum On* ne Pibeset mmeranteɛ, na wɔbɛkye nkuro no mufoɔ akɔ. 18 Sɛ meyi Egypt kɔndua firi hɔ a, esum bɛduru Tapanes.+ Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no to bɛtwa.+ Mununkum bɛkata ne so, na wɔbɛkye ne nkuro mufoɔ akɔ.+ 19 Mɛbu Egypt atɛn na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”
20 Na afe a ɛtɔ so 11, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so nson no, Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 21 “Onipa ba, mabu Egypt hene Farao basa mu, na wɔrenkyere mfa nsa no yareɛ; wɔremfa adeɛ nkyekyere na anya ahoɔden asɔ sekan mu.”
22 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Me ne Egypt hene Farao wɔ asɛm,+ na mɛbubu ne basa a ɛyɛ den ne deɛ emu abuo no,+ na mɛma ne sekan afiri ne nsam atɔ fam.+ 23 Afei mɛbɔ Egyptfoɔ ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ 24 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den*+ na mede me sekan ahyɛ ne nsam,+ mɛbubu Farao abasa na ɔbɛsi apini dendeenden wɔ n’anim* te sɛ obi a ɔrewuo. 25 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den na Farao abasa mu bɛgo; na sɛ mede me sekan hyɛ Babilon hene nsam na ɔde toa Egypt asaase+ a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 26 Na mɛbɔ Egyptfoɔ ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”