Hesekiel
35 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Seir a ɛwɔ mmepɔ mu+ no na hyɛ nkɔm tia no.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Seir a wowɔ mmepɔ mu, me ne wo wɔ asɛm, na mɛtene me nsa wɔ wo so na mama woadane amamfo.+ 4 Mɛma wo nkuro asɛe pasaa, na woadane amamfo;+ na wobɛhu sɛ mene Yehowa, 5 ɛfiri sɛ woatan Israel firi tete;+ wɔn amanehunu berɛ ne wɔn asotwe a ɛtwa toɔ mu no, wogyaa wɔn maa wɔkunkum wɔn.”’+
6 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi, mɛsiesie wo ama mogyahwieguo, na mogyahwieguo bɛdi w’akyi.+ Wotan mogya, enti mogyahwieguo na ɛbɛdi w’akyi.+ 7 Mɛma Seir mmepɔ asɛe pasaa,+ na mɛtwa deɛ ɔretwam ne deɛ ɔresan nyinaa afiri so. 8 Mɛma wɔakunkum nnipa ahyɛ ne mmepɔ so ma, na wɔn a wɔbɛwuwu sekan ano no bɛyɛ bebree wɔ wo nkokoɔ so, w’abɔn mu, ne wo nsubɔnten mu. 9 Mɛma woayɛ amamfo daa na wo nkuro ada mpan,+ na wobɛhu sɛ mene Yehowa.’
10 “Ɛmfa ho sɛ Yehowa no ara ka aman mmienu no ho no, wokaa sɛ, ‘Saa aman mmienu ne nsaase mmienu yi bɛyɛ me dea, na yɛbɛfa ne nyinaa.’+ 11 Enti, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi, sɛdeɛ ɔtan nti wo bo fuu wɔn na w’ani beree wɔn no,+ me nso me ne wo bɛdi no saa ara; na sɛ mebu wo atɛn a, mɛma nkurɔfoɔ no ahu sɛ ɛyɛ me. 12 Wobɛhu sɛ me Yehowa, mate nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ no nyinaa sɛ: “Wɔadane amamfo, na wɔde wɔn ama yɛn sɛ aduane.” 13 Mode mo ano kaa nsɛm akɛseɛ tiaa me, na mokekaa nsɛm pii tiaa me.+ Mate ne nyinaa.’
14 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma woadane amamfo ama asaase nyinaa adi ahurisie. 15 Sɛdeɛ w’ani gyee sɛ Israel fie agyapadeɛ adane amamfo no, saa ara na mɛyɛ wo.+ O Seir mmepɔ, wobɛdane amamfo; ɛbɛka Edom nyinaa.+ Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”