Hesekiel
36 “Na wo, onipa ba, hyɛ Israel mmepɔ ho nkɔm na ka sɛ, ‘O Israel mmepɔ, montie Yehowa asɛm. 2 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔtamfo no dii mo ho fɛ kaa sɛ, ‘Ahaa! Tete nkokoɔ no abɛyɛ yɛn dea!’”’+
3 “Enti hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wɔasɛe mo, na wɔato ahyɛ mo so wɔ afã nyinaa, na amanaman no mufoɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu* no afa mo sɛ wɔn agyapadeɛ, na daa nkurɔfoɔ keka mo ho nsɛm di mo ho nsekuro.+ 4 Enti O Israel mmepɔ, montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm! Wei na Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ, nkokoɔ, nsutene, abɔn, ne amamfo nkuro a ɛdeda mpan no;+ wɔn na aman a atwa ahyia no afom wɔn nneɛma adi wɔn ho fɛ.+ 5 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn nyinaa nie: ‘M’abufuhyeɛ mu+ na mɛkasa atia aman a wɔnyaa wɔn tiri didii mu ne Edom nyinaa, aman a mmoa adidibea ne nneɛma a wɔafom nti, wɔde ahurisidie kɛse ne animtiabuo* afa m’asaase ayɛ wɔn agyapadeɛ.’”’+
6 “Enti hyɛ Israel asaase ho nkɔm na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnten ne abɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, m’aniberɛ ne m’abufuo mu na mɛkasa, ɛfiri sɛ amanaman no agu mo anim ase.”’+
7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Me ara mama me nsa so aka ntam sɛ aman a atwa mo ho ahyia no bɛsoa wɔn ara wɔn animguaseɛ.+ 8 Nanso mo, Israel mmepɔ deɛ, mobɛyiyi nkorabata na moaso aba ama me man Israel,+ ɛfiri sɛ ɛrenkyɛ na wɔasan aba. 9 Hwɛ, megyina mo akyi, na mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo, na wɔbɛsiesie mo na wɔadua mo so aba. 10 Mɛma mo nkurɔfoɔ, Israel fie nyinaa adɔɔso, na nnipa bɛtenatena nkuro no mu,+ na wɔbɛsan akyekyere nkuro a adane amamfo no.+ 11 Aane, mɛma mo nkurɔfoɔ ne mo nyɛmmoa adɔɔso+ ayɛ bebree, na mɛma nnipa abɛtena mo nkuro mu sɛdeɛ berɛ bi na ɛteɛ no,+ na mɛma no asi mo yie asene kane no.+ Na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 12 Mɛma nkurɔfoɔ, me ara me nkurɔfoɔ Israel, anante mo asaase so, na wɔbɛfa mo ayɛ wɔn agyapadeɛ.+ Na morenkunkum wɔn mma bio.’”+
13 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Weinom ka kyerɛ mo sɛ: “Woyɛ asaase a womemene nnipa na wokunkum mmɔfra a wɔwɔ w’aman mu.”’ 14 ‘Enti, woremmemene nnipa bio na worenkunkum mmɔfra a wɔwɔ w’aman mu bio,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 15 ‘Meremma amanaman no ntwa wo adapaa bio, na aman renni wo ho fɛ bio,+ na woremma w’aman nhwe ase bio.’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
16 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 17 “Onipa ba, berɛ a Israel fie te wɔn asaase so no, wɔde wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ guu asaase no ho fĩ.+ Ná wɔn akwan te sɛ brayɛ mu fĩ wɔ m’ani so.+ 18 Mogya a wɔhwie guu asaase no so ne abosom fĩ* a wɔde guu asaase no ho fĩ nti, mehwiee m’abufuo guu wɔn so.+ 19 Enti mebɔɔ wɔn hwetee aman so, na wɔpetee nsaase so.+ Mebuu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ teɛ. 20 Na berɛ a wɔkɔɔ saa aman no so no, nkurɔfoɔ guu me din kronkron no ho fĩ,+ na wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ, ‘Yehowa nkurɔfoɔ nie, nanso wɔafiri n’asaase so kɔ.’ 21 Me din kronkron a Israel fie guu ho fĩ berɛ a wɔkɔɔ amanaman so no, mɛyɛ ho biribi.”+
22 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ wei, na mmom me din kronkron a moguu ho fĩ berɛ a mokɔɔ amanaman no so ntira.”’+ 23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mɛte me din kɛseɛ a wɔguu ho fĩ wɔ amanaman mu no ho;+ edin a moguu ho fĩ wɔ wɔn mu no. Amanaman no hu sɛ mate me din ho wɔ mo mu a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.+ 24 Mɛyi mo afiri aman so na maboaboa mo ano afiri nsaase nyinaa so de mo asan aba mo asaase so.+ 25 Mede nsuo a emu teɛ bɛpete mo so ama mo ho ate.+ Mɛte mo ho afiri deɛ mode agu mo ho fĩ nyinaa+ ne mo abosom fĩ nyinaa ho.+ 26 Mɛma mo akoma foforɔ+ na mede honhom foforɔ ahyɛ mo mu.+ Mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ+ no afiri mo honam mu na mama mo akoma a ɛyɛ mmerɛ.* 27 Mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mɛma moadi m’ahyɛdeɛ so,+ na moatie m’atemmusɛm adi so. 28 Moyɛ saa a, mobɛtena asaase a mede maa mo agyanom no so, na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.’+
29 “‘Mɛgye mo afiri mo fĩ nyinaa mu na mama aduane abu so; meremma ɛkɔm nne mo bio.+ 30 Mɛma nnua so aba ne afuo mu nnɔbaeɛ abu so, na ɛkɔm amma mo anim angu ase bio wɔ amanaman no mu.+ 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛntene nyinaa. Na mo bɔne ne mo akyiwadeɛ nti, mo ho bɛyɛ mo ara mo ho abofono.+ 32 Nanso, monhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ wei.+ O Israel fie, mo akwan nti, momma mo ani nwu na mo anim ngu ase,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
33 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne nyinaa ho no, mɛma nnipa abɛtenatena nkuro no mu,+ na wɔbɛsan akyekyere nkuro a adane amamfo no.+ 34 Asaase a asɛe a obiara retwam a n’ani tua sɛ ada mpan no, wɔbɛyɛ so afuo. 35 Na nkurɔfoɔ bɛka sɛ: “Asaase a na asɛe pasaa no abɛyɛ sɛ Eden turo,+ na nkuro a ɛdwiri guiɛ na ɛdanee amamfo no, wɔato ho fasuo, na nnipa abɛtena mu.”+ 36 Na aman a aka a atwa mo ho ahyia no nyinaa bɛhu sɛ me Yehowa na masi deɛ wɔdwiri guiɛ no, na madua asaase a na asɛe no so nneɛma. Me Yehowa na mekaeɛ, na mayɛ nso.’+
37 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Adeɛ a mɛsan ama Israel fie abisa afiri me hɔ na mayɛ ama wɔn nie: Mɛma wɔn ho nnipa adɔɔso sɛ nnwankuo. 38 Wɔbɛyɛ sɛ akronkronfoɔ dɔm, te sɛ Yerusalem nnwankuo* wɔ afahyɛ berɛ mu.+ Enti nnipadɔm bɛhyɛ nkuro a na asɛe no mu ma.+ Na nnipa bɛhu sɛ mene Yehowa.’”