Hesekiel
37 Yehowa honhom* baa me so, na Yehowa nam ne honhom so de me kɔgyinaa ɛbɔn kɛseɛ no mfimfini,+ na na nnompe ayɛ mu ma. 2 Ɔmaa menantee nnompe no ntam hyiaeɛ, na mehuu sɛ nnompe ayɛ ɛbɔn no mu bebree, na na ɛho awo wesee.+ 3 Na ɔbisaa me sɛ: “Onipa ba, enti nnompe yi bɛtumi anya nkwa?” Ɛnna mekaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na wonim.”+ 4 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nnompe yi ho nkɔm na ka sɛ, ‘O nnompe a awo wesee, montie Yehowa asɛm:
5 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ nnompe yi nie: “Mɛma ahome aba mo mu na moanya nkwa.+ 6 Mede ntini ne ɛnam bɛtuatua mo ho na mede wedeɛ adura mo ho, na mede ahome bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa; na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’”
7 Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Berɛ a mehyɛɛ nkɔm no, metee nnyegyeeɛ bi, na nnompe no de kikirikikiri twe bɛneeɛ, na dompe bɛsii dompe anim. 8 Afei mehuu sɛ ntini ne nam abɛtuatua ho, na wedeɛ bɛduraa ho. Nanso na ahome biara nnim.
9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa. Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ mframa sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O mframa,* firi mframa nnan no mu bɛbɔ fa nnipa a wɔakunkum wɔn yi so na wɔnnya nkwa.”’”
10 Na mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ me no, na ahome* bɛhyɛɛ wɔn mu, na wɔnyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so.+ Ná wɔyɛ dɔm kɛseɛ paa.
11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nnompe yi gyina hɔ ma Israel fie nyinaa.+ Wɔka sɛ, ‘Yɛn nnompe ho awo wesee, na yɛn anidasoɔ asa.+ Wɔatwa yɛn asu.’ 12 Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me man, mɛbuebue mo adamena ano,+ na mayi mo afiri mo adamena mu de mo akɔ Israel asaase so.+ 13 O me man, sɛ mebue mo adamena ano yi mo firi mo adamena mu a, mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’+ 14 ‘Mede me honhom bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa,+ na mede mo bɛtena mo asaase so. Afei mobɛhu sɛ me Yehowa na mekaeɛ, na mayɛ nso,’ Yehowa asɛm nie.”
15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 16 “Wo onipa ba, fa dua bi na twerɛ ho sɛ, ‘Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho* no dea.’+ Fa dua foforɔ nso na twerɛ ho sɛ, ‘Yosef dea, kyerɛ sɛ, dua a ɛgyina hɔ ma Efraim ne Israel fie a wɔka ne ho* nyinaa.’+ 17 Afei ka mmienu no bom ma no nyɛ dua baako wɔ wo nsam.+ 18 Sɛ wo man mufoɔ* bisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na wei kyerɛ?’ a, 19 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no bɛka Yuda dua ho, na mɛma no ayɛ dua baako,+ na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.”’ 20 Fa nnua a wobɛtwerɛ ho no hyɛ wo nsam ma wɔnhunu.
21 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛyi Israelfoɔ afiri aman a wɔkɔɔ so no so, na maboaboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asaase so.+ 22 Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asaase no so,+ Israel mmepɔ so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so,+ na wɔrenkɔ so nyɛ aman mmienu bio, na wɔn mu rempaapae nyɛ ahennie mmienu bio.+ 23 Wɔremfa wɔn abosom fĩ* ne wɔn akyiwadeɛ ne wɔn mmarato ngu wɔn ho fĩ bio.+ Mɛgye wɔn afiri bɔne a wɔyɛeɛ nyinaa mu, na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+
24 “‘“M’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene,+ na odwanhwɛfoɔ baako ahwɛ wɔn nyinaa so.+ Wɔbɛdi m’atemmusɛm so na wɔahwɛ adi m’ahyɛdeɛ so.+ 25 Wɔbɛtena asaase a mede maa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so;+ wɔne wɔn mma* ne wɔn mma mma bɛtena so daa,+ na m’akoa Dawid na ɔbɛyɛ wɔn berempɔn daa.+
26 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam;+ apam a ɛbɛtena hɔ daa. Na mede wɔn bɛdua wɔn asaase so ama wɔadɔɔso.+ Na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mfimfini afebɔɔ. 27 Mɛtena me ntomadan mu* wɔ wɔn mu* na mayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.+ 28 Na sɛ mede me kronkronbea si wɔn mfimfini afebɔɔ a, amanaman no bɛhu sɛ me Yehowa na merete Israel ho.”’”+