19 Na mɛma wɔayɛ baako*+ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu;+ mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wɔn nipadua mu+ na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmerɛ;*+20 ɛno bɛma wɔadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so. Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.”’
“Onipa ba, ɛha na m’ahennwa si+ na ɛha na me nan sisi;+ mɛtena Israelfoɔ mu akɔsi daa.+ Israel fie ne wɔn ahemfo renkɔ so mfa wɔn adwamammɔ* ne wɔn ahemfo a wɔawuwuo no afunu ngu me din kronkron no ho fĩ.+
3 Ɛnna metee nne kɛseɛ bi firii ahennwa no so sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔne wɔn bɛtena, na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.+