Hesekiel
42 Afei ɔde me firii adi kɔɔ adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no.+ Na ɔde me baa adidibea a ɛbɛn baabi a wɔagya ato hɔ no,+ ɛdan a ɛbɔ ho no atifi fam.+ 2 Ne kwan a ɛda atifi fam no tenten yɛ basafa* 100, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50. 3 Adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no yɛ basafa 20,+ na ɛno ne akyire hɔ adihɔ no fã a wɔahyehyɛ aboɔ wɔ fam no ntam na na adidibea no wɔ. Ɛhɔ abrannaa no toa so mmiɛnsa, na ɛdi nhwɛanimu. 4 Ná ɛkwan bi da adidibea no anim+ wɔ mfimfini hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10, na ne tenten yɛ basafa 100,* na na ano kwan hwɛ atifi fam. 5 Adidibea a ɛwɔ soro no mu susua sene aseɛ ne mfimfini deɛ no, ɛfiri sɛ abrannaa a ɛda ɛdan no anim no gyee kwan a ɛwɔ hɔ no fã kɛseɛ no ara. 6 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na adan no toa so mmiɛnsa, nanso na ɛnni adum a ɛgyina so te sɛ adihɔ hɔ deɛ no. Ne saa nti, wɔamma ɔsoro hɔ antrɛ te sɛ aseɛ hɔ ne mfimfini hɔ.
7 Ɛrekɔ adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no, na wɔde aboɔ ato fasuo wɔ adidibea a ɛsesa so no nkyɛn, na na ɛne adidibea a ɛsesa so wɔ nohoa no di nhwɛanimu. Ne tenten yɛ basafa 50. 8 Adidibea a ɛbɛn akyire hɔ adihɔ no tenten yɛ basafa 50, na deɛ ɛbɛn kronkronbea no yɛ basafa 100. 9 Sɛ obi firi akyire hɔ adihɔ hɔ reba adidibea hɔ a, ɔbɛfa ɛkwan bi a ɛwɔ apueeɛ fam so aforo aba hɔ.
10 Adihɔ no fasuo a ɛkyerɛ apueeɛ fam no, sɛ wowura mu a, na adidibea wowɔ mu. Ná ɛbɛn baabi a wɔagya ato hɔ no ne ɛdan no.+ 11 Ná ɛkwan da animu te sɛ adidibea a ɛwɔ atifi fam no.+ Ná ne nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ yɛ pɛ, baabi a wɔfa pue ne ne yɛbea nyinaa yɛ pɛ. Ná akwan a 12 ɛdeda ano no te sɛ adidibea a ɛwɔ anaafoɔ fam no. Ɔfasuo a ɛbɛn hɔ wɔ apueeɛ fam no, na ɛkwan da ano a wɔfa mu bɛsi kwan no so.+
13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a ɛwɔ atifi ne adidibea a ɛwɔ anaafoɔ a ɛbɛn baabi a wɔagya ato hɔ+ no yɛ adidibea kronkron. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔba Yehowa anim no di ade kronkron paa no.+ Ɛhɔ nso na wɔde nneɛma kronkron paa no, nneɛma a wɔde bɔ aduane afɔreɛ, bɔne ho afɔreɛ, ne afɔdie afɔreɛ no gu, ɛfiri sɛ ɛhɔ yɛ kronkron.+ 14 Sɛ asɔfoɔ no ba mu a, ɛnsɛ sɛ wɔfiri Kronkronbea hɔ kɔ akyire hɔ adihɔ hɔ, gye sɛ wɔayi wɔn ntaadeɛ a wɔde som no agu hɔ,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Sɛ wɔrekɔ baabi a ɔmanfoɔ nyinaa tumi ba no a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntaadeɛ foforɔ ansa na wɔakɔ hɔ.”
15 Berɛ a ɔsusuu asɔredan no mfimfini* wieeɛ no, ɔde me faa ɛpono a ɛhwɛ apueeɛ fam no mu firii adi,+ na ɔsusuu hɔ nyinaa.
16 Ɔde demmire* susuu ɛfã a ɛwɔ apueeɛ fam no. Berɛ a ɔsusuiɛ no, na ɛfiri tire kɔsi tire yɛ demmire 500.
17 Ɔde demmire susuu atifi fam, na ɔnyaa 500.
18 Ɔsusuu anaafoɔ fam, na ɔnyaa 500.
19 Afei ɔkɔɔ atɔeɛ fam de demmire kɔsusuiɛ, na ɔnyaa 500.
20 Ɔsusuu afã nnan no nyinaa, na na fasuo atwa ho nyinaa ahyia;+ ne tenten yɛ demmire 500, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire 500.+ Ná fasuo no akyɛ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron ne baabi a obiara tumi kɔ no mu.+