Hesekiel
45 “‘Sɛ morekyɛ asaase no sɛ mo agyapadeɛ a,+ montwa bi mfa nyɛ ntoboa mma Yehowa; saa asaase no bɛyɛ kronkron.+ Ne tenten nyɛ basafa* 25,000, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 10,000.+ Asaase no nyinaa bɛyɛ kronkron.* 2 Ebi na mobɛtwa ama Kronkronbea no; saa asaase yi, momma ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa nyɛ basafa 500*+—momma afã nnan no nyinaa nyɛ pɛ. Na asaase a mmoa bɛdidi so bɛyɛ basafa 50 wɔ ɛfã biara.+ 3 Monsusu asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10,000 wɔ asaase no so, na ɛhɔ na wɔde asɔrefie no bɛsi; ɛbɛyɛ ade kronkron paa. 4 Ɛbɛyɛ beaeɛ kronkron wɔ asaase no so ama asɔfoɔ+ a wɔba Yehowa anim bɛsom wɔ kronkronbea hɔ no.+ Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn adan, na ɛbɛyɛ beaeɛ kronkron ama asɔrefie no.
5 “‘Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔrefie hɔ no, wɔbɛma wɔn asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10,000.+ Na wɔbɛnya adidibea 20.+
6 “‘Montwa kuro no asaase a ne tenten yɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5,000 nto hɔ (ma ɛne ntoboa kronkron no tenten nyɛ pɛ).+ Ɛbɛyɛ Israel fie nyinaa dea.
7 “‘Na ɔberempɔn no asaase bɛda ntoboa kronkron no ne kuro no asaase benkum ne ne nifa so. Ɛbɛda ntoboa kronkron no ne kuro no asaase nkyɛn. Baako bɛda atɔeɛ fam na baako ada apueeɛ fam. Ɛfiri n’asaase no atɔeɛ fam hyeɛ so rekɔ apueeɛ fam hyeɛ so no, ne tenten ne abusuakuo baako asaase a wɔatwa ama wɔn no tenten bɛyɛ pɛ.+ 8 Asaase yi bɛyɛ n’agyapadeɛ wɔ Israel. Na m’aberempɔn rentan me man ani bio,+ na wɔde asaase no bɛma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.’+
9 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ayɛ yie, Israel aberempɔn!’
“‘Monnyae atirimuɔdensɛm ne nhyɛsoɔ no, na mommu atɛntenenee nni asɛntenenee.+ Me man agyapadeɛ a mohwim firi wɔn nsam no, monnyae,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 10 ‘Sɛ mode nsenia,* efa susudeɛ,* ne bat susuhina* resusu adeɛ a, monsusu no pɛpɛɛpɛ.+ 11 Ɛsɛ sɛ efa susudeɛ ne bat susuhina yɛ baako. Bat du na ɛbɛkɔ homar* baako mu, na efa du na ɛbɛkɔ homar baako mu. Homar na wɔbɛgyina so asusu adeɛ. 12 Dwetɛbena*+ baako bɛyɛ gerah* 20. Na nnwetɛbena 20 ne nnwetɛbena 25 ne nnwetɛbena 15 na ɛbɛka abom ayɛ mane* baako ama mo.’
13 “‘Wei ne ntoboa a momfa mmra: hwiit homar baako biara, momfa efa nkyɛmu nsia mu baako mfiri mu, na baali* homar baako biara nso, momfa efa nkyɛmu nsia mu baako mfiri mu. 14 Ngo no nso, momfa bat susuhina nsusu. Bat yɛ kor* nkyɛmu du mu baako. Na bat du na ɛwɔ homar baako mu, ɛfiri sɛ bat du na ɛka bom yɛ homar baako. 15 Israel nnwan 200 biara, monyi odwan baako mfiri mu mfa mmra. Wɔmfa saa nneɛma yi nyinaa mmɔ aduane afɔreɛ+ ne ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na wɔmfa mpata mma ɔman no,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
16 “‘Asaase no sofoɔ nyinaa de ntoboa+ yi bɛma Israel ɔberempɔn no. 17 Sɛ Israel fie redi afahyɛ anaa bosome foforɔ anaa Homeda+ biara anaa nnapɔnna biara+ a, ɔberempɔn no na ɔde ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ+ ne nsã afɔreɛ ho nneɛma bɛba.+ Ɔno na ɔde bɔne ho afɔreɛ, aduane afɔreɛ, ɔhyeɛ afɔreɛ, ne asomdwoeɛ afɔreɛ ho nneɛma bɛba ama wɔde apata ama Israel fie.’
18 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, fa nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho dwira kronkronbea no ho.+ 19 Ɔsɔfoɔ no de aboa a wɔde rebɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya no bi bɛyɛ asɔrefie no aponnwa ho,+ afɔrebukyia no mfemfamho no ntwea nnan no so, ne mfimfini hɔ adihɔ pono no ho. 20 Bosome no da a ɛtɔ so nson no, saa ara na wobɛyɛ, ɛfiri sɛ ebia na obi adi mfomsoɔ berɛ a n’ani nna ne ho so+ anaasɛ ɔnnim mpo sɛ wadi mfomsoɔ; afei mompata mma asɔrefie no.+
21 “‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no, mobɛdi Twam Afahyɛ no.+ Momfa nnanson nni paanoo a mmɔka* nnim no.+ 22 Saa da no, ɔberempɔn no de nantwinini kumaa bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama ɔne ɔman no nyinaa.+ 23 Nnanson a wɔde bɛdi afahyɛ no nyinaa mu no, da biara ɔde anantwinini nkumaa nson ne adwennini nson a dɛm nni wɔn ho bɛba ama wɔde abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa nnanson;+ wɔde apɔnkyenini nso bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ da biara. 24 Nantwinini kumaa biara, ɔmfa aduane efa baako nka ho, na odwennini biara nso, ɔmfa efa baako nka ho mmɔ aduane afɔreɛ, na aduane efa biara nso ɔmfa ngo hin* baako nka ho.
25 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 15, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ saa ara nnanson,+ na ɔmfa afɔrebɔdeɛ no ara bi mmra; deɛ wɔde bɔ bɔne ho afɔreɛ, ɔhyeɛ afɔreɛ, aduane afɔreɛ, ne ngo no.’”