Hesekiel
13 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ no ho nkɔm,+ na ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim* hyɛ nkɔm+ no sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm. 3 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Adiyifoɔ nkwaseafoɔ no nnue! Wɔn na wɔdi wɔn ara wɔn honhom akyi berɛ a wɔnhunuu hwee.+ 4 O Israel, w’adiyifoɔ ayɛ sɛ sakraman a wɔte amamfo so. 5 Fasuo a abubuo no, morentumi nkɔgyina ho nsan nto mma Israel fie+ na ɛko ba Yehowa da+ no a, Israel atumi agyina.” 6 “Wɔnya anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ, na wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ ka sɛ, ‘Yehowa se,’ berɛ a Yehowa nsomaa wɔn, na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn asɛm no bɛba mu.+ 7 Sɛ moka sɛ ‘Yehowa se,’ berɛ a menkaa hwee a, ɛnyɛ atorɔ anisoadeɛ na mohunu yi, na ɛnyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ na mohyɛ?”’
8 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “‘Ɛsiane sɛ moka nkontomposɛm na mo anisoadehunu yɛ atorɔ nti, me ne mo wɔ asɛm,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”+ 9 Me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ+ no so. Meremfa wɔn nka wɔn a me ne wɔn di atirimusɛm no ho, na wɔn din nso remma Israel fie twerɛtohɔ mu; na wɔrensan mma Israel asaase so; na mobɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.+ 10 Deɛ enti a ɛbɛba saa ne sɛ wɔadaadaa me man ama wɔafom kwan; wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ Wɔde adehunu biara to fasuo a, na ebinom nso aka ho akaadoo.’*+
11 “Ka kyerɛ wɔn a wɔka ho akaadoo no sɛ ɛbɛdwiri agu. Nsuo bɛtɔ ayiri, asukɔtweaa bɛtɔ, na ahum akɛseɛ bɛma no abubu.+ 12 Sɛ fasuo no dwiri gu a, nkurɔfoɔ bɛbisa mo sɛ, ‘Ɛho akaadoo no wɔ he?’+
13 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘M’aniberɛ mu mɛma ahum akɛseɛ atu, m’abufuo mu mɛma nsuo atɔ ayiri asram so, na m’abufuhyeɛ mu mɛma asukɔtweaa atɔ asɛe adeɛ. 14 Mɛdwiri fasuo a moaka ho akaadoo no agu fam na ne fapem ho ada hɔ. Sɛ kuro no hwe ase a, mo ase bɛtɔre wɔ mu, na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’
15 “‘Sɛ mehwie m’abufuo nyinaa gu fasuo no ne wɔn a wɔkaa ho akaadoo no so a, mɛka akyerɛ mo sɛ: “Fasuo no nni hɔ bio, na wɔn a wɔkaa ho no nso nni hɔ bio.+ 16 Israel adiyifoɔ no nni hɔ bio; wɔn na wɔhyɛ nkɔm ma Yerusalem na wɔnya anisoadehunu sɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ berɛ a asomdwoeɛ nni hɔ no,”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
17 “Na wo, onipa ba, fa w’ani si wo man mma mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no so, na hyɛ wɔn ho nkɔm. 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa se: “Monnue, mmaa a mopam nneɛma ma nkurɔfoɔ de bobɔ wɔn nsa* na moyɛ nkataanimu ma etire nketewa ne akɛseɛ sɛ mode bɛsum nkurɔfoɔ* fidie! Berɛ a mosum me nkurɔfoɔ* fidie no, mo deɛ, morebɔ mmɔden sɛ mobɛgye mo ho* nkwa anaa? 19 Baali* nsa ma ne paanoo sini nti mobɛgu me ho fĩ+ wɔ me man anim? Mo nkontomposɛm a me man tie nti, mokunkum wɔn* a ɛmfata sɛ wɔwu, na mokora wɔn* a ɛnsɛ sɛ wɔtena ase so.”’+
20 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mmaa, mɛsɔre atia adeɛ a mopam bobɔ nkurɔfoɔ nsa de sum wɔn fidie te sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo nsa ama nnipa* a moayi wɔn sɛ nnomaa no afa wɔn ho adi. 21 Mɛtete mo nkataanimu no mu na magye me man afiri mo nsam, na morennya wɔn nyi wɔn bio. Na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 22 Mode mo nnaadaasɛm no ama ɔteneneeni akoma aboto+ berɛ a menhyɛɛ no awerɛhoɔ,* na moahyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ nsam den+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrentwe ne ho mfiri ne kwammɔne ho na wanya nkwa.+ 23 Enti mmaa, morennya atorɔ anisoadehunu bio, na morenhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ nso bio;+ mɛgye me man afiri mo nsam, na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’”