Hesekiel
16 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ma Yerusalem nhu akyiwadeɛ a ɔreyɛ.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Yerusalem nie: “W’ase firi Kaanan, na ɛhɔ na wɔwoo wo. Wo papa yɛ Amorini+ na wo maame yɛ Hitini.+ 4 W’awoɔ ho asɛm nie: Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, wɔamfa nsuo annware wo amma wo ho ante, wɔamfa nkyene ansrasra wo ho, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo ho. 5 W’asɛm anyɛ obiara mmɔbɔ amma no anyɛ weinom mu biara amma wo. Obiara yam anhyehye no amma wo. Mmom wɔtoo wo twenee wuram, ɛfiri sɛ da a wɔwoo wo no, na obiara mpɛ w’asɛm.*
6 “‘“Berɛ a meretwam no, mehuu sɛ woda wo mogya mu repere. Woda wo mogya mu no, meka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Nya nkwa!’ Ampa, woda wo mogya mu no, meka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Nya nkwa!’ 7 Memaa w’ase trɛɛ pii sɛdeɛ afifideɛ fifi wɔ wuram. Wonyini yɛɛ kama na wode agudeɛ hyehyɛɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Wo nufo bobɔeɛ na wo nwi fu yɛɛ bebree; nanso saa berɛ no nyinaa, na woda adagya a wonhyɛ hwee.”’
8 “‘Berɛ a meretwam a mebɛtoo wo no, mehuu sɛ woaso awareɛ. Enti metrɛɛ m’ataadeɛ mu wɔ wo so+ de kataa w’adagya so, na mekaa ntam ne wo yɛɛ apam maa wobɛyɛɛ me dea,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 9 ‘Afei nso, mede nsuo dwaree wo hohoroo wo ho mogya no, na mede ngo sraa wo.+ 10 Mede nwentoma firaa wo, mehyɛɛ wo mpaboa a wɔde aboa nwoma* papa ayɛ, na mede nwera pa kyekyeree wo ho de ntoma a ne boɔ yɛ den kataa wo ho. 11 Mede agudeɛ siesiee wo; mede nkapo guu wo nsa na mede kɔnmuadeɛ guu wo kɔn mu. 12 Mesan de hwenem kawa hyɛɛ wo hwenem, mede asomuadeɛ hyɛɛ w’asom, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo ti. 13 Wode sika kɔkɔɔ ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wode nwera pa, ntoma a ne boɔ yɛ den, ne nwentoma siesiee wo ho. Wodii esiam muhumuhu, ɛwoɔ, ne ngo, na wonyini bɛyɛɛ fɛfɛɛfɛ.+ Wofataa sɛ wɔsi wo hemmaa.’”*
14 “‘W’ahoɔfɛ nti, wo din trɛ kɔɔ amanaman mu,+ ɛfiri sɛ m’animuonyam a mede kataa wo so no maa w’ahoɔfɛ no dii mu,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
15 “‘Nanso wodii w’ahoɔfɛ akyi,+ na edin a wogyeeɛ nti wobɛyɛɛ tuutuuni,+ na wogyaa wo ho maa wɔn a wɔretwam nyinaa ne wo bɔɔ adwaman;+ w’ahoɔfɛ bɛyɛɛ wɔn dea. 16 Wofaa wo ntaadeɛ no bi na wode siesiee sorɔnsorɔmmea* maa no yɛɛ fɛ na wosii tuutuu wɔ hɔ;+ adeɛ a anka ɛnsɛ sɛ woyɛ anaa ɛsi koraa. 17 Afei agudeɛ fɛfɛ a memaa wo sika kɔkɔɔ ne dwetɛ maa wode yɛeɛ no, wode yeyɛɛ mmarima ahoni de bɔɔ adwaman.*+ 18 Wode wo nwentoma kataa wɔn* ho, na wode me ngo ne m’aduhwam maa wɔn.+ 19 Paanoo a wɔde esiam muhumuhu, ɛwoɔ, ne ngo ayɛ a mede maa wo sɛ di no, wo nso wode maa wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam.*+ Saa pɛpɛɛpɛ na ɛkɔɔ so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
20 “‘Wofaa wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wowoo wɔn maa me no+ de wɔn bɔɔ afɔreɛ maa abosom.+ Adɛn, wommaa w’adwamammɔ yi nkɔɔ akyiri dodo? 21 Wokunkum me mma; wohyee wɔn wɔ gya mu* de wɔn bɔɔ afɔreɛ.+ 22 W’akyiwadeɛ ne w’adwamammɔ nyinaa mu, woankae wo mmɔfraberɛm; woankae berɛ a na woda adagya a wonhyɛ hwee ne berɛ a woperee wɔ wo mogya mu no. 23 Bɔne a woayɛ nyinaa nti, due, due,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 24 ‘Woyɛɛ kokoɔ na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so baabiara. 25 Woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa bɛhu, na wode wo ho* maa obiara a ɔretwam+ de guu w’ahoɔfɛ ho fĩ, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.+ 26 Wo ne Egypt,+ ɔman a ɛbɛn wo no mmarima a akɔnnɔ adonnɔn wɔn* no bɔɔ adwaman, na wode w’adwamammɔ dodoɔ hyɛɛ me abufuo. 27 Afei mɛtene me nsa aba wo so na mate w’aduane so,+ na mede wo bɛma Filistifoɔ mmaa a wɔtan wo+ a w’ahohwibra no maa wɔn ho dwirii wɔn no,+ na wɔayɛ wo deɛ wɔpɛ.*
28 “‘Wo ne Asiria+ mmarima nso bɔɔ adwaman ɛfiri sɛ wo ho ammae wo, na wo ne wɔn kɔɔ so bɔɔ adwaman nanso anso wo. 29 Enti wode wo tuutuu no kɔduruu adwadifoɔ* asaase so, ne Kaldeafoɔ+ mu; ɛno nso anso wo.’ 30 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Berɛ a woyɛɛ wei nyinaa te sɛ tuutuuni a watoto n’ani awe no,+ hwɛ sɛdeɛ na w’akoma asɛe!’* 31 ‘Nanso berɛ a woyɛɛ wo kokoɔ wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa bɛhunu, na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so no, woanyɛ sɛ tuutuuni mpo, ɛfiri sɛ woannye akatua. 32 Woyɛ ɔbaa waresɛefoɔ a ɔfiri ne kunu akyi+ kɔfa ahɔhoɔ! 33 Tuutuufoɔ nyinaa, nkurɔfoɔ na ɛma wɔn akyɛdeɛ,+ nanso wo deɛ, wo na wokyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne wo bɔ adwaman no adeɛ,+ na wotua sika ma wɔn ma wɔfiri mmeaeɛ nyinaa ba wo nkyɛn ne wo bɛbɔ adwaman.+ 34 Wo tuutuusie nte sɛ tuutuufoɔ mmaa foforɔ, na ne sɛsoɔ nni hɔ, ɛfiri sɛ wonnye akatua biara; wo mmom na wotua nkurɔfoɔ ka. Wo nko ara wo deɛ yɛ soronko.’
35 “Enti tuutuuni,+ afei tie Yehowa asɛm. 36 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Woagyaa wo ho ama akɔnnɔ bɔne, na woayi w’adagya so ne w’adɔfoɔ ne w’abosom fĩ* tantan no nyinaa abɔ adwaman,+ na wode wo mma mogya abɔ afɔreɛ ama wɔn.+ 37 Enti mereboaboa w’adɔfoɔ a wogyee wɔn ani no nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a wotan wɔn nyinaa. Mɛboaboa wɔn ano afiri mmeaeɛ nyinaa aba wo so, na mɛyi w’adagya so ama wɔahu wo ho nyinaa.+
38 “‘Mede awaresɛefoɔ+ ne mmaa a wɔhwie mogya gu+ atemmuo bɛba wo so, na me ninkuntwe bɛma mede abufuo ahwie wo mogya agu.+ 39 Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa na wɔadwiri wo nkokoɔ ne wo sorɔnsorɔmmea agu,+ na wɔbɛyi wo ho ntaadeɛ+ ne w’agudeɛ fɛfɛ no,+ na wɔama woada adagya a wonhyɛ hwee. 40 Wɔbɛma dɔm bi aba wo so,+ na wɔbɛsi wo aboɔ+ na wɔde wɔn sekan akum wo.+ 41 Wɔde gya bɛhye w’afie+ na wɔabu wo atɛn wɔ mmaa pii anim; na mɛma woagyae tuutuu no sie,+ na worentua obiara ka bio. 42 Mɛyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nyinaa ama me bo adwo+ na m’abufuo afiri wo so;+ mɛyɛ komm, na biribiara renha me bio.’
43 “‘Ɛsiane sɛ woankae wo mmɔfraberɛm+ na woyɛɛ weinom nyinaa de hyɛɛ me abufuo nti, mɛma wo nneyɛɛ ho nsunsuansoɔ aba wo ara wo so, na w’ahohwibra ne w’akyiwadeɛ no nso, wobɛgyae,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
44 “‘Hwɛ, obiara a ɔbu bɛ bɛka wo ho asɛm akasabebuo mu sɛ: “Sɛdeɛ maame teɛ no, saa ara na ne babaa nso teɛ!”+ 45 Wote sɛ wo maame; ɔno na ɔtan ne kunu ne ne mma. Wote sɛ wo nua mmaa nso; wɔn na wɔtan wɔn kununom ne wɔn mma. Ná wo maame yɛ Hitini na wo papa nso yɛ Amorini.’”+
46 “‘Wo nuabaa panin a ɔte w’atifi* ne Samaria;+ ɔne ne mma mmaa.*+ Na wo nuabaa kumaa a ɔte w’anaafoɔ* ne Sodom;+ ɔne ne mma mmaa.+ 47 Ɛnyɛ sɛ wofaa wɔn akwan so yɛɛ wɔn akyiwadeɛ no bi kɛkɛ, na mmom ɛyɛɛ kakra no, na woasɛe sene wɔn koraa wɔ w’akwan nyinaa mu.+ 48 Mete ase yi deɛ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘wo nuabaa Sodom ne ne mma mmaa nyɛɛ sɛdeɛ wo ne wo mma mmaa ayɛ yi. 49 Hwɛ, wo nuabaa Sodom bɔne nie: Ɔne ne mma mmaa+ nyinaa, na wɔyɛ ahantan.+ Ná aduane abu wɔn so+ na na wɔn ho adwo wɔn,+ nanso wɔammoa abrɛfoɔ ne ahiafoɔ.+ 50 Wɔkɔɔ so yɛɛ ahantan+ na wɔyɛɛ akyiwadeɛ wɔ m’anim,+ na ɛmaa meyii wɔn firii hɔ.+
51 “‘Samaria+ nso, bɔne a woyɛeɛ no wanyɛ mu fã mpo. Woyɛɛ akyiwadeɛ pii sene wɔn, na w’akyiwadeɛ dɔɔso ara ma wo nua mmaa bɛyɛɛ sɛ ateneneefoɔ.+ 52 Afei wobɛsoa w’animguaseɛ, ɛfiri sɛ wode wo nneyɛɛ ama wo nua mmaa adi bem. Ɛsiane sɛ woyɛɛ bɔne senee wɔn koraa nti, wɔyɛ ateneneefoɔ sene wo. Enti ma w’ani nwu na soa w’animguaseɛ ɛfiri sɛ woama wo nua mmaa abɛyɛ ateneneefoɔ.’
53 “‘Mɛboaboa wɔn nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no ano: Sodom ne ne mma mmaa nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ ne Samaria ne ne mma mmaa nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no. Wo nkurɔfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no nso, mɛboaboa wɔn ano,+ 54 na ɛbɛma woasoa w’animguaseɛ; deɛ woayɛ nyinaa nti w’anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ wokyekyee wɔn werɛ. 55 Wo nua mmaa, Sodom ne ne mma mmaa ne Samaria ne ne mma mmaa, bɛsan asi wɔn dada mu, na wo ne wo mma mmaa nso bɛsan asi mo dada mu.+ 56 Berɛ a womaa wo ho so no, na ɛyɛ wo aniwu sɛ wobɛka wo nuabaa Sodom ho asɛm 57 ansa na wo bɔne reda adi.+ Seesei Siria mma mmaa ne wɔn a wɔte bɛn no ne Filistifoɔ+ mma mmaa na wɔgu w’anim ase; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa twa wo adapaa. 58 Wobɛsoa w’ahohwibra ne w’akyiwadeɛ ho nsunsuansoɔ,’ Yehowa asɛm nie.”
59 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Me ne wo bɛdi sɛdeɛ woayɛ no,+ ɛfiri sɛ wobuu m’apam so de buu ntam no animtia.+ 60 Nanso me deɛ, mɛkae apam a me ne wo yɛɛ no wo mmabaaberɛm no, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛrentwam da.+ 61 Sɛ wogye wo nua mmaa nkumaa ne mpanin ba wo nkyɛn a, wobɛkae wo suban na woafɛre,+ na mede wo nua mmaa no bɛma wo sɛ wo mma, nanso ɛnyɛ me ne wo apam ntira.’
62 “‘Afei me ara me ne wo bɛyɛ apam, na wobɛhu sɛ mene Yehowa. 63 Sɛ mepata ma wo wɔ deɛ woayɛ nyinaa ho+ a, wobɛkae na w’ani awu, na aniwuo no nti worentumi mmue w’ano,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”