Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 18:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 “‘Ɛnsɛ sɛ woma wɔde wo ba biara bɔ afɔreɛ ma Molek.+ Nyɛ saa mfa ngu wo Nyankopɔn din ho fĩ.+ Mene Yehowa.

  • Leviticus 20:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte Israel a ɔde ne ba biara bɛma Molek no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Asaase no sofoɔ nsi no aboɔ nku no.

  • 2 Ahemfo 16:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Remalia ba Peka ahennie afe a ɛtɔ so 17 mu no, Yuda hene Yotam ba Ahas+ bɛdii hene.

  • 2 Ahemfo 16:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Israel ahemfo akwan so na ɔfaeɛ.+ Afei nso, ɔhyee ɔno ara ne ba mpo wɔ gya mu;*+ enti akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.

  • 2 Berɛsosɛm 33:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 33 Manase+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 12, na ɔdii adeɛ mfeɛ 55 wɔ Yerusalem.+

  • 2 Berɛsosɛm 33:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɔno ara ne mma mpo, ɔhyee wɔn wɔ gya mu*+ wɔ Hinom Ba Bɔn no mu,+ na ɔdii nkonyaayie+ ne abosonkɔm akyi; ɔkɔɔ abisa, na ɔyii akɔmfoɔ ne asumanfoɔ.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.

  • Yeremia 7:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea* wɔ Hinom Ba Bɔn*+ no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa wɔ egya mu.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’akomam mpo da.’*+

  • Hesekiel 20:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Memaa wɔn ankasa afɔrebɔdeɛ guu wɔn ho fĩ berɛ a wɔhyee abakan biara wɔ gya mu* no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsɛe wɔn, na wɔahu sɛ mene Yehowa.”’

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane