Hesekiel
20 Afei afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ bi bae sɛ wɔde wɔn abisadeɛ rebɛto Yehowa anim, na wɔbɛtenatenaa m’anim. 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Moaba sɛ mode mo abisadeɛ rebɛto m’anim? ‘Mete ase yi deɛ, merentie mo abisadeɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’
4 “Worebɛdi wɔn asɛm anaa?* Onipa ba, worebɛdi wɔn asɛm? Ma wɔnhu akyiwadeɛ a wɔn agyanom yɛeɛ.+ 5 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da a meyii Israel no,+ mekaa Yakob asefoɔ ntam* nso, na memaa wɔhuu me wɔ Egypt asaase so.+ Ampa, mekaa wɔn ntam sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 6 Saa da no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asaase so akɔ asaase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so.+ Ná ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sene asaase biara. 7 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo mu biara nto akyiwadeɛ a ɔde n’ani asi so no ngu; mommfa Egypt abosom fĩ* no nngu mo ho fĩ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
8 “‘“Nanso wɔtee me so atua, na wɔantie me. Wɔanto akyiwadeɛ a wɔde asi wɔn ani so no angu, na wɔannya Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekaa sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuo nyinaa agu wɔn so wɔ Egypt asaase so. 9 Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a na wɔtete wɔn mu no+ anim nti na meyɛɛ saa, ɛfiri sɛ berɛ a meyii wɔn* firii Egypt asaase so no,+ memaa wɔhuu me wɔ aman yi anim. 10 Enti meyii wɔn firii Egypt asaase so de wɔn baa serɛ no so.+
11 “‘“Afei mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a ɔbɛdi so no anya nkwa.+ 12 Mede me home nna nso maa wɔn+ na ayɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne wɔn ntam,+ na wɔahu sɛ me Yehowa na merete wɔn ho.
13 “‘“Nanso Israel fie tee me so atua wɔ serɛ no so.+ Wɔanni m’ahyɛdeɛ so, na wɔpoo m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no. Me home nna nso, wɔguu ho fĩ pɔtɔɔ. Enti mekaa sɛ mɛhwie m’abufuo agu wɔn so wɔ serɛ no so, na masɛe wɔn pasaa.+ 14 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wɔhuu sɛ meregye wɔn* no anim nti,+ manyɛ saa. 15 Afei nso, mekaa wɔn ntam wɔ serɛ no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asaase a mede ama wɔn no so,+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ Ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sene asaase biara. 16 Deɛ wɔyɛeɛ ne sɛ wɔpoo m’atemmusɛm, wɔanni m’ahyɛdeɛ so, na me home nna no nso, wɔguu ho fĩ, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma dii wɔn abosom fĩ no akyi.+
17 “‘“Nanso mehuu wɔn mmɔbɔ, enti mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ serɛ no so. 18 Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ serɛ no so+ sɛ, ‘Monnni mo agyanom ahyɛdeɛ ne wɔn atemmusɛm so,+ na mommfa wɔn abosom fĩ no nngu mo ho fĩ. 19 Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Monni m’ahyɛdeɛ so na monkora m’atemmusɛm so na momfa mmɔ mo bra.+ 20 Me home nna nso, monte ho+ na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam na moahu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
21 “‘“Nanso wɔn mma tee me so atua.+ Wɔanni m’ahyɛdeɛ so, na m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no, wɔanni so. Wɔguu me home nna ho fĩ. Enti mekaa sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuo nyinaa agu wɔn so wɔ serɛ no so.+ 22 Nanso me din nti+ metwe saneeɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wɔhuu sɛ meregye wɔn* no anim. 23 Afei mekaa wɔn ntam wɔ serɛ no so sɛ mɛbɔ wɔn apete aman so na mahwete wɔn akɔ nsaase so,+ 24 ɛfiri sɛ wɔanni m’atemmusɛm so, na wɔpoo m’ahyɛdeɛ,+ na me home nna nso, wɔguu ho fĩ; na wɔdii wɔn agyanom abosom fĩ no akyi.*+ 25 Me nso megyaa wɔn maa wɔdii ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmusɛm a ɛremma wɔnnya nkwa akyi.+ 26 Memaa wɔn ankasa afɔrebɔdeɛ guu wɔn ho fĩ berɛ a wɔhyee abakan biara wɔ gya mu* no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsɛe wɔn, na wɔahu sɛ mene Yehowa.”’
27 “Enti onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Saa ara na mo agyanom nso anni me nokorɛ; wɔkaa abususɛm tiaa me. 28 Mede wɔn baa asaase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no so.+ Nanso sɛ wɔhu kokoɔ a ɛkorɔn ne dua kusuu biara+ a, na wɔafiri aseɛ rebɔ afɔreɛ wɔ hɔ. Wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ baa hɔ de hyɛɛ me abufuo, na wɔbɔɔ afɔreɛ hwamhwam* guu nsã wɔ hɔ. 29 Enti mebisaa wɔn sɛ, ‘Sorɔnsorɔmmea* hɔ a mokɔ yi nso ɛ? (Wɔda so frɛ no Sorɔnsorɔmmea de bɛsi nnɛ.)’”’+
30 “Afei ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Enti moregu mo ho fĩ sɛdeɛ mo agyanom guu wɔn ho fĩ na wɔne wɔn abosom fĩ no bɔɔ adwaman no anaa?+ 31 Enti moahye mo mma wɔ gya mu de wɔn abɔ afɔreɛ ama mo abosom fĩ nyinaa abɛsi nnɛ de agu mo ho fĩ?+ O Israel fie, wei nyinaa akyi no, mopɛ sɛ metie mo abisadeɛ?”’+
“‘Mete ase yi deɛ, merentie mo abisadeɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 32 ‘Deɛ ɛwɔ mo adwenem* no remma mu da. Moka sɛ: “Momma yɛnyɛ sɛ amanaman no, yɛnyɛ sɛ asaase no so mmusua, na yɛnsom nnua ne aboɔ.”’”+
33 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Mete ase yi, nsa a ɛyɛ den, basa a emu atene, ne abufuhyeɛ na mede bɛdi mo so hene.+ 34 Mɛyi mo afiri aman hodoɔ mu na maboaboa mo ano afiri nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so. Mede nsa a ɛyɛ den, basa a emu atene, ne abufuhyeɛ na ɛbɛyɛ wei.+ 35 Mede mo bɛba amanaman no serɛ so, na ɛhɔ na me ne mo bɛdi asɛm, animu ne animu.+
36 “‘Sɛdeɛ me ne mo agyanom dii asɛm wɔ Egypt serɛ so no, saa ara na me ne mo bɛdi asɛm,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 37 ‘Mɛma moafa odwanhwɛfoɔ poma ase+ na mama apam no akyekyere mo.* 38 Nanso mɛpra wɔn a wɔsɔre tia me ne wɔn a wɔto me mmara no afiri mo mu.+ Na mɛyi wɔn afiri ananafoɔ asaase so, nanso wɔremma Israel asaase so,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’
39 “Enti Israel fie, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mo mu biara nkɔsom n’abosom fĩ.+ Ɛno akyi no, sɛ moantie me a, morentumi mfa mo abosom fĩ ne mo afɔrebɔdeɛ no ngu me din kronkron no ho fĩ bio.’+
40 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Me bepɔ kronkron so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so+ na Israel fie nyinaa bɛsom me; wɔn nyinaa bɛsom me wɔ asaase no so.+ Ɛhɔ na mɛgye wɔn atom, na mɛbisa mo ntoboa ne mo afɔrebɔdeɛ mu deɛ ɛdi kan, mo nneɛma kronkron nyinaa.+ 41 Afɔreɛ hwamhwam* no nti, mɛgye mo atom. Mɛyɛ wei berɛ a mayi mo afiri aman hodoɔ so na maboaboa mo ano afiri nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so,+ na mobɛma me din ho ate aman anim.’+
42 “‘Na sɛ mede mo bɛduru Israel asaase+ a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no so a, mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 43 Ɛhɔ na mobɛkae mo suban ne deɛ moyɛ de guu mo ho fĩ nyinaa,+ na nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa nti, mobɛfɛre.+ 44 Israel fie, ɛnyɛ mo subammɔne anaa mo nneyɛɛ fĩ no nti na me ne mo bɛdi na mmom me din ntira,+ na ama moahu sɛ mene Yehowa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
45 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 46 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anaafoɔ fam na bɔ dawuro kyerɛ anaafoɔ fam, na hyɛ anaafoɔ fam kwaeɛ ho nkɔm. 47 Ka kyerɛ anaafoɔ fam kwaeɛ sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede gya bɛto wo mu+ ama no ahye dumono ne duwuiɛ biara a ɛwɔ wo mu. Gyaframa no rennum,+ na ɛfiri anaafoɔ kɔsi atifi, obiara anim* bɛhye. 48 Na ɔhonam nyinaa* bɛhu sɛ me Yehowa na mede gya too mu, na ɛrennum.”’”+
49 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Asɛm a wɔreka fa me ho ne sɛ, ‘Ɛnyɛ akasabebuo nko ara na ɔka?’”*