Hesekiel
21 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ka nsɛm gu kronkronbea no so, na hyɛ nkɔm tia Israel asaase. 3 Ka kyerɛ Israel asaase sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ne wo wɔ asɛm, na mɛtwe me sekan afiri ne bɔha* mu+ na matwa ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ nyinaa afiri wo so. 4 Ɛsiane sɛ mɛtwa ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ afiri wo so nti, mɛtwe me sekan afiri ne bɔha mu aba ɔhonam* nyinaa so, firi anaafoɔ kɔsi atifi. 5 Na nnipa nyinaa bɛhu sɛ, me Yehowa na matwe me sekan afiri ne bɔha mu. Ɛrensan nkɔ ne bɔha mu bio.”’+
6 “Onipa ba, fa ahopopoɔ* si apini. Fa awerɛhoɔ si apini wɔ wɔn anim.+ 7 Sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn nti na woresi apini?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Amanneɛbɔ bi ntira.’ Na ɛbɛba mu, na ehu nti akoma nyinaa bɛnane, nsa nyinaa bɛdwodwo, honhom nyinaa bɛboto, na nsuo bɛtene afa nkotodwe nyinaa ho.*+ ‘Hwɛ, ɛbɛba mu ɛkwan biara so; ɛbɛba mu,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
8 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ka sɛ, ‘Sekan!+ Wɔase sekan ano, na wɔatwi ho. 10 Wɔase ano sɛ ɛnkunkum nnipa pii; wɔatwi ho ama no twa yerɛyerɛ.’”’”
“Ɛnsɛ sɛ yɛdi ahurisie anaa?”
“‘Ɛbɛpo* me ara me ba ahempoma,+ sɛdeɛ ɛpo dua biara no anaa?
11 “‘Wɔde ama sɛ wɔntwi ho na wɔmfa nsa nkura mu. Wɔase sekan yi ano, na wɔatwi ho sɛ wɔmfa nhyɛ ɔbrafoɔ* nsam.+
12 “‘Onipa ba, su na twa adwo,+ ɛfiri sɛ wɔatwe sekan wɔ me man so; wɔatwe no Israel aberempɔn nyinaa so.+ Wɔde sekan bɛkum wɔne me man nyinaa. Enti di awerɛhoɔ na bɔ wo srɛ ho. 13 Wɔasɔ ahwɛ,+ na sɛ sekan no po ahempoma no a, ɛdeɛn na ɛbɛsi? Ɛrenkɔ so* ntena hɔ bio,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
14 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam, na ka no mprɛnsa sɛ ‘Sekan!’ ‘Sekan!’ ‘Sekan!’ Ɛyɛ nnipa a wɔakunkum wɔn no sekan, nnipa pii a wɔakunkum wɔn no sekan na atwa wɔn ho ahyia.+ 15 Ehu bɛma wɔn akoma anane,+ na wɔn mu pii bɛwuwu wɔ wɔn kuro apono ano; mede sekan bɛkunkum wɔn. Ampa, ɛho retwa yerɛyerɛ, na wɔatwi ho sɛ ɛnkunkum nnipa! 16 Sekan, twa kɔ nifa! Na twa kɔ benkum! Baabiara a wɔde w’ani bɛkyerɛ biara, twa kɔ hɔ! 17 Afei mɛbɔ me nsam na m’abufuo ano abrɛ ase.+ Me, Yehowa, na maka.”
18 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 19 “Onipa ba, yɛ akwan mmienu na Babilon hene sekan mfa so mmra. Ma mmienu no nyinaa mfiri asaase baako so, na yɛ akyerɛkyerɛkwan* fa si nkuro mmienu no nkwanta so. 20 Siesie ɛkwan baako ma sekan no nkɔ Ammonfoɔ kuro Raba mu,+ na baako nso nkɔ Yerusalem kuro a wɔabɔ ho ban no mu+ wɔ Yuda. 21 Babilon hene gyina nkwanta no so, akwan mmienu no nkwanta so, sɛ ɔrebisa n’anyame. Ɔwoso agyan no. Ɔbisa n’ahoni* deɛ ɔnyɛ; ɔhwehwɛ aboa berɛboɔ mu.* 22 Ɔhwɛɛ ne nsa nifa mu huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’ani kyerɛ Yerusalem. Ɛkyerɛɛ no sɛ ɔnhyehyɛ mfidie a wɔde dwiri afasuo, ɔnka sɛ wɔnkunkum wɔn, ɔnhyɛn ɛko totorobɛnto, ɔnhyehyɛ mfidie a wɔde bɛdwiri kuro no apono agu, ɔnnye ho ban nhyia na ɔnto akoban.*+ 23 Na ɛbɛyɛ wɔn* a wɔaka ntam akyerɛ wɔn*+ no ani so sɛ nkɔmhyɛ no yɛ atorɔ. Nanso ɔbɛkae wɔn bɔne na wakye wɔn.+
24 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Moama mo mmarato ho ada hɔ ama wɔahu mo bɔne wɔ biribiara mu, enti wɔakae mo bɔne. Seesei a wɔakae mo no, wɔbɛkye mo* akɔ.’
25 “Israel ɔberempɔn mumuyɛfoɔ a woapira pira a ɛde wo bɛkɔ wuo mu,+ wo berɛ aso, berɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwe w’aso korakora no aduru. 26 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Yi abotire no na tu ahenkyɛ no.+ Ɛrenyɛ sɛdeɛ ɛteɛ no bio.+ Deɛ abrɛ ase no, ma so;+ na deɛ ɛwɔ soro no, brɛ no ase.+ 27 Ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ na mede bɛba so. Ɛrenyɛ obiara dea kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba,+ na mede bɛma no.’+
28 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Ammonfoɔ ne wɔn adapaatwa ho nie.’ Ka sɛ, ‘Sekan! Wɔatwe sekan a wɔde bɛkum; wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛho ntwa yerɛyerɛ. 29 Wɔka anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ, na wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ kyerɛ wo, nanso wɔde wo bɛto wɔn a wɔakunkum wɔn a wɔsum hɔ no* so. Wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔn berɛ aso, na berɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso korakora no aduru. 30 San fa hyɛ ne bɔha mu. Faako a wɔbɔɔ wo, asaase a wɔwoo wo wɔ so no so na mɛbu wo atɛn. 31 Mɛhwie m’abufuo agu wo so. Mɛbɔ m’aniberɛ gya mu agu wo so, na nnipa a wɔn tirim yɛ den a wɔn adwuma ne sɛ wɔsɛe adeɛ no, mede wo bɛhyɛ wɔn nsa.+ 32 Wɔde wo bɛsɔ gya;+ wɔbɛhwie wo mogya agu asaase no so, na wɔrenkae wo bio, ɛfiri sɛ me, Yehowa, na maka.’”