Yona
3 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yona ne mprenu so sɛ:+ 2 “Sɔre kɔ Niniwe+ kuropɔn no mu na kɔka asɛm a mereka akyerɛ wo yi kyerɛ wɔn.”
3 Ɛnna Yona sɔre kɔɔ Niniwe+ sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ Saa berɛ no, na Niniwe yɛ kuro kɛseɛ,* na na wɔde nnansa na ɛnante twa ho hyia. 4 Yona wuraa kuro no mu, na ɔnante twaa da koro kwan. Ɔrekɔ nyinaa, na ɔreka sɛ: “Aka nnafua 40 pɛ na wɔadane Niniwe kuro yi abutu.”
5 Ɛnna Niniwefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ,+ na wɔka maa wɔyɛɛ akɔnkyene,* na wɔfirafiraa awerɛhoɔ ntoma,* ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi kumaa so. 6 Berɛ a Niniwe hene tee asɛm no, ɔsɔre firii n’adwa so yii n’ahentaadeɛ guu hɔ firaa awerɛhoɔ ntoma,* na ɔtenaa nsõ mu. 7 Afei ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Niniwe baabiara sɛ,
“Mmara a ɔhene ne ne mpanimfoɔ ahyɛ nie: Ɛnsɛ sɛ onipa anaa aboa biara, nantwie oo, odwan oo, de biribi ka n’ano. Obiara nnnidi, na nsuo mpo wɔnnnom bi. 8 Onipa ne aboa biara mfira awerɛhoɔ ntoma,* na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfiri ne kwammɔne ne n’amumuyɛsɛm ho. 9 Hwan na ɔnim, ebia nokorɛ Nyankopɔn no bɛsesa n’adwene* na watwe n’abufuhyeɛ no asan, na yɛanwuwu.”
10 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn no huu deɛ wɔyɛeɛ, sɛdeɛ wɔsan firii wɔn akwammɔne so no,+ ɔsesaa n’adwene* wɔ ɔhaw a ɔkaa sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.+