Nahum
2 Deɛ ɔbɔ nnipa hwete no aba wo* so.+
Bɔ abandenden no ho ban.
Wɛn kwan no.
Mia w’abɔsoɔ mu na gyina yie.
2 Ɛfiri sɛ Yehowa bɛsan de Yakob animuonyam ama no,
Na ɔde Israel nso animuonyam ama no;
Adesɛefoɔ abɛsɛe wɔn,+
Na wɔasɛe wɔn bobe mman.
3 Wɔaka n’akatakyie akyɛm ho kɔɔ,
Na n’akatakyie hyehyɛ ntaade kɔkɔɔ.
Ɛda a ɔsiesie ne ho ma ɛko no,
Ne nteaseɛnam ho nnadeɛ pa yerɛyerɛ sɛ gya,
Na wɔkurakura mpea a wɔde papao dua ayɛ.
4 Nteaseɛnam no ate praka wɔ mmorɔno so.
Wɔde mmirika di mmɔnten so akɔneaba.
Wɔhyerɛn te sɛ tɛnee,* na wɔtu mmirika te sɛ anyinam.
5 Ɔbɛfrɛ n’aberempɔn.
Wɔrenante a, wɔbɛsunti.
Wɔde mmirika kɔ ne fasuo ho;
Wɔsisi akoban.*
7 Wɔahyɛ ato hɔ: Wɔapa ne ho ntoma na wɔatam no kɔ;
Ne mmaawa redi abooboo te sɛ mmuruburo a wɔresu,
Na wɔpempem wɔn koko.
“Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!”
Nanso obiara nsan n’akyi.+
9 Monsesa dwetɛ; monsesa sika kɔkɔɔ,
Ɛfiri sɛ nneɛma a wakora so nni ano.
Na ahodeɛ a ɛyɛ fɛ pii wɔ hɔ.
10 Obiara afiri kuro no mu, asɛe, na adane amamfo!+
Ehu ama wɔn akoma atu, wɔn nkotodwe rekeka bom, wɔte yea wɔ wɔn sisi mu,
Na wɔn nyinaa anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.
11 Ɛhe na agyata teɛ,+ na ɛhe na agyatanini* kɔ adidie?
Ɛhe na agyata a obiara ntumi nhunahuna wɔn no
De wɔn mma kɔ?
12 Gyata tetee nam mu maa ne mma,
Na ɔkum mmoa maa agyatabedeɛ.
Ɔkum mmoa hyɛɛ n’amena mu ma,
Na ɔde mmoa a watete wɔn mu hyɛɛ ne bɔn mu ma.
13 Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ, me ne wo anya,+
Na mɛhye wo nteaseɛnam dwerɛbee.+
Na w’agyata* no, sekan bɛdi wɔn nam.
Meremma wonnya nam nwe wɔ asaase so bio,
Na wɔn a wosomasoma wɔn no, obiara rente wɔn nka bio.”+