Sefania
3 Kuro tuatefoɔ, kuro a ne ho agu fĩ, kuro a ɔyɛ nhyɛsoɔ, asɛm ato wo!+
2 Wantie obiara asɛm,+ na wantie kasakyerɛ.*+
Wamfa ne ho anto Yehowa so;+ wammɛn ne Nyankopɔn.+
Wɔwe biribiara; dompe mpo, wɔnnya bi mma adeɛ nkye so.
4 N’adiyifoɔ yɛ dwɛɛ,* na nnaadaa ayɛ wɔn ma.+
5 Yehowa yɛ ɔteneneeni wɔ kuro no mu;+ ɔnyɛ bɔne.
Anɔpa biara ɔma wɔhunu n’atemmuo.+
Ɛte sɛ adekyeeɛ; ɛnni hwammɔ.
Nanso ɔbɔnefoɔ nnim aniwuo.+
6 “Mesɛee aman, na wɔn ntwea so abantenten yɛɛ pasaa.
Mesɛee wɔn akwan, na obiara amfa so.
Wɔn nkuro asɛe pasaa; obiara nni mu, na obiara nte hɔ.+
7 Mekaa sɛ, ‘Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wobɛsuro me na woatie kasakyerɛ,’*+
Nanso afei koraa na na wɔn ani abere redi bɔne.+
8 ‘Enti momfa ntoboaseɛ ntwɛn me,’*+ Yehowa asɛm nie,
Nkɔsi sɛ mɛsɔre abɛsesa nneɛma a wɔanya afiri ɛko mu,*
Ɛfiri sɛ m’atemmusɛm ne sɛ mɛka aman nyinaa abom, na maboaboa ahennie nyinaa ano.
Na mɛhwie m’abufuo, m’abufuhyeɛ nyinaa agu wɔn so.+
Na m’ani a abere sɛ gya no bɛma asaase no nyinaa ahye.+
10 Na wɔn a wɔrepa me kyɛw, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ wɔn ahwete no babaa no
De akyɛdeɛ bɛfiri Etiopia nsubɔnten ho abrɛ me.+
11 Saa da no, nneɛma a woyɛ de te me so atua no,+
W’ani renwu wɔ ho bio.
Ɛfiri sɛ mɛyi ahantanfoɔ a wɔhoahoa wɔn ho no afiri wo mu,
Na woremma wo ho so bio wɔ me bepɔ kronkron no so.+
13 Israelfoɔ a wɔbɛka no+ renyɛ adebɔne;+
Wɔrenni atorɔ, na wɔrennaadaa nkurɔfoɔ;*
Wɔbɛdidi na wɔadwodwo wɔn ho, na obiara renhunahuna wɔn.”+
14 O Sion babaa, di ahurisie!
O Israel, bɔ ose!+
O Yerusalem babaa, ma w’ani nnye na firi w’akoma mu nyinaa di ahurisie!+
15 Yehowa ayi atemmuo a ɛtia wo no afiri hɔ.+
Wama wo tamfo asan n’akyi.+
Israel hene Yehowa ka wo ho.+
Worensuro amanehunu biara bio.+
16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ:
“O Sion, nsuro.+
Na mma w’aba mu mmmu.*
17 Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+
Ɔyɛ Otumfoɔ, na ɔbɛgye nkwa.
N’ani bɛgye na wadi wo ho ahurisie.+
Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm.*
Na wo nti, ɔde anigyeɛ bɛbɔ ose.
18 Wɔn a wɔnni w’afahyɛ ase nti wɔredi awerɛhoɔ no, mɛboaboa wɔn ano;+
Wɔnka wo ho, ɛfiri sɛ n’animguaseɛ da wɔn so.+
19 Hwɛ! Saa berɛ no, wɔn a wɔhyɛ wo so nyinaa, me ne wɔn bɛdi.+
Mɛgye deɛ ɔtɔ gu so no,+
Na maka wɔn a wɔahwete no aboa ano.+
Na mɛma nkurɔfoɔ ayi wɔn ayɛ na wɔagye din
Wɔ asaase a wɔn anim guu ase wɔ so no nyinaa so.
20 Sɛ meboaboa mo ano saa berɛ no a,
Saa berɛ no na mede mo bɛba.