Malaki
1 Atemmusɛm:
Asɛm a Yehowa nam Malaki* so ka kyerɛɛ Israel nie:
2 “Makyerɛ sɛ medɔ mo,”+ Yehowa asɛm nie.
Nanso mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na wode akyerɛ sɛ wodɔ yɛn?”
“Ɛnyɛ Yakob nua ne Esau?”+ Yehowa asɛm nie. “Medɔɔ Yakob, 3 na Esau deɛ, metan no.+ Memaa ne mmepɔ danee amamfo,+ na mede n’agyapadeɛ maa ɛserɛ so sakraman.”+
4 “Edom reka sɛ, ‘Wɔabubu yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akɔkyekyere deɛ asɛe no.’ Enti deɛ asafo Yehowa aka nie: ‘Wɔbɛkyekyere, nanso mɛdwiri agu. Na nkurɔfoɔ bɛfrɛ wɔn “amumuyɛ asaase” ne “ɔman a Yehowa abu wɔn fɔ afebɔɔ.”+ 5 Mo ara mode mo ani bɛhunu, na mobɛka sɛ: “Wɔmma Yehowa so wɔ Israel asaase nyinaa so.”’”
6 “‘Ɔba di n’agya ni,+ na akoa di ne wura ni. Enti sɛ meyɛ agya a,+ anidie a ɛfata me no wɔ he?+ Na sɛ meyɛ owura* a, suro* a ɛfata me no wɔ he?’ Deɛ asafo Yehowa reka akyerɛ mo nie, mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia no.+
“‘Nanso mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ de abu wo din animtia?’”
7 “‘Ɛne sɛ mode aduane* a ɛho agu fĩ ba m’afɔrebukyia so.’
“‘Na mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ de agu wo ho fĩ?”’
“‘Ɛne sɛ moka sɛ: “Yehowa pono+ yɛ adehunu.” 8 Sɛ mode aboa a n’ani abɔ bɛbɔ afɔreɛ a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.” Na sɛ mode aboa a ɔyɛ apakye anaa aboa a ɔyare ba a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.”’”+
“Wopɛ a, fa kɔma w’amrado hwɛ. Wogye di sɛ ɔbɛpɛ w’asɛm, anaa ɔbɛhwɛ w’anim?” asafo Yehowa asɛm nie.
9 “Enti afei, mepa mo kyɛw, monsrɛ Onyankopɔn* na ɔnhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ saa nneɛma yi na ɛwɔ mo nsam a mode rebɛbɔ afɔreɛ a, ɔbɛhwɛ mo anim anaa?” asafo Yehowa asɛm nie.
10 “Mo mu hwan na ɔbɛyi ne yam atoto apono* no mu?+ Ɛfiri sɛ m’afɔrebukyia so gya mpo, mosɔ a, mogye biribi.+ M’ani nnye mo ho, na mo nsam akyɛdeɛ afɔreɛ biara nni hɔ a m’ani gye ho,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
11 “Ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ,* me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhye afɔrebɔdeɛ wɔ baabiara, na wɔabɔ afɔreɛ de ahyɛ me din animuonyam sɛ akyɛdeɛ a ɛho teɛ, ɛfiri sɛ me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
12 “Nanso mobu no animtia*+ ka sɛ, ‘Yehowa pono ho agu fĩ; aba a ɛwɔ so, kyerɛ sɛ, ɛso aduane yɛ adehunu.’+ 13 Mosan ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbrɛ bɛn nie!’ Mohwɛ a, na moanyinya mo anim,” asafo Yehowa asɛm nie. “Mode mmoa a moakɔwia, ne mmoa a wɔyɛ mpakye, ne mmoa a wɔyare na ɛba. Aane, akyɛdeɛ a ɛtete saa na mode brɛ me! Wei na mopɛ sɛ megye wɔ mo nsam anaa?”+ Yehowa asɛm nie.
14 “Nnome nka onitefoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔte apɔ wɔ ne nnwan mu, nanso sɛ ɔhyɛ bɔ a ɔde deɛ wadi dɛm na ɛbɔ afɔreɛ ma Yehowa. Meyɛ Ɔhenkɛseɛ,+ na me din bɛma amanaman no abɔ hu,”+ asafo Yehowa asɛm nie.