Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Petro saa obubuafoɔ bi a ɔsrɛsrɛ adeɛ yareɛ (1-10)

      • Petro maa ɔkasa wɔ Solomon Abrannaa so (11-26)

        • “Wɔbɛsiesie nneɛma nyinaa” (21)

        • Odiyifoɔ a ɔte sɛ Mose (22)

Asomafoɔ Nnwuma 3:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “reforo akɔ.”

  • *

    Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.

Asomafoɔ Nnwuma 3:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 3:16; 4:10

Asomafoɔ Nnwuma 3:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 8:14, 15; 9:24, 25
  • +Yoh 5:8, 9; Aso 9:34; 14:8-10

Asomafoɔ Nnwuma 3:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 35:6

Asomafoɔ Nnwuma 3:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 3:2

Asomafoɔ Nnwuma 3:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 10:23; Aso 5:12

Asomafoɔ Nnwuma 3:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mopaa no wɔ Pilato anim.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:6
  • +Yes 52:13; 53:11
  • +Flp 2:9-11
  • +Aso 5:30

Asomafoɔ Nnwuma 3:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mopaa no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 27:20, 21; Lu 23:14, 18

Asomafoɔ Nnwuma 3:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 5:31; Heb 2:10
  • +Lu 24:46-48; Aso 1:8; 2:32

Asomafoɔ Nnwuma 3:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 16:2, 3; 1Ti 1:13
  • +1Ko 2:8

Asomafoɔ Nnwuma 3:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 118:22; Yes 50:6; 53:8; Da 9:26; Lu 22:15

Asomafoɔ Nnwuma 3:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “bɛfiri Yehowa anim.” Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:38
  • +Hes 33:11; Efe 4:22
  • +Hes 33:14, 16; 1Yo 1:7

Asomafoɔ Nnwuma 3:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 34:10; Aso 7:37
  • +De 18:15, 18

Asomafoɔ Nnwuma 3:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔkra biara.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:19

Asomafoɔ Nnwuma 3:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 24:27; Aso 10:43

Asomafoɔ Nnwuma 3:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “w’aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 9:4
  • +Ge 22:18; Ga 3:8

Asomafoɔ Nnwuma 3:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, Yesu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:45, 46; Ro 1:16

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 3:6Aso 3:16; 4:10
Aso. 3:7Mt 8:14, 15; 9:24, 25
Aso. 3:7Yoh 5:8, 9; Aso 9:34; 14:8-10
Aso. 3:8Yes 35:6
Aso. 3:10Aso 3:2
Aso. 3:11Yoh 10:23; Aso 5:12
Aso. 3:13Ex 3:6
Aso. 3:13Yes 52:13; 53:11
Aso. 3:13Flp 2:9-11
Aso. 3:13Aso 5:30
Aso. 3:14Mt 27:20, 21; Lu 23:14, 18
Aso. 3:15Aso 5:31; Heb 2:10
Aso. 3:15Lu 24:46-48; Aso 1:8; 2:32
Aso. 3:17Yoh 16:2, 3; 1Ti 1:13
Aso. 3:171Ko 2:8
Aso. 3:18Dw 118:22; Yes 50:6; 53:8; Da 9:26; Lu 22:15
Aso. 3:19Aso 2:38
Aso. 3:19Hes 33:11; Efe 4:22
Aso. 3:19Hes 33:14, 16; 1Yo 1:7
Aso. 3:22De 34:10; Aso 7:37
Aso. 3:22De 18:15, 18
Aso. 3:23De 18:19
Aso. 3:24Lu 24:27; Aso 10:43
Aso. 3:25Ro 9:4
Aso. 3:25Ge 22:18; Ga 3:8
Aso. 3:26Aso 13:45, 46; Ro 1:16
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 3:1-26

Asomafoɔ Nnwuma

3 Da bi, na Petro ne Yohane rekɔ* asɔrefie hɔ. Ná ɛyɛ dɔn a wɔbɔ mpaeɛ, dɔn a ɛtɔ so nkron.* 2 Ná nkurɔfoɔ so ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafoɔ. Da biara, na wɔde no ba asɔrefie pono a wɔfrɛ no Ɔpono Fɛfɛɛfɛ no ano. Ná wɔyɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi asrɛsrɛ adeɛ afiri wɔn a wɔrekɔ asɔrefie hɔ no nkyɛn. 3 Berɛ a ɔhuu sɛ Petro ne Yohane rebɛwura asɔrefie hɔ no, ɔfirii aseɛ srɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ no adeɛ. 4 Nanso Petro ne Yohane nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔkaa sɛ: “Hwɛ yɛn.” 5 Enti ɔhwɛɛ wɔn dinn, na na ɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛkyɛ no adeɛ. 6 Nanso Petro kaa sɛ: “Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ deɛ, menni bi. Deɛ mewɔ na mede rema wo yi. Nasaretni Yesu Kristo din mu, nante!”+ 7 Ɛnna Petro sɔɔ ne nsa nifa maa ne so gyinaa hɔ.+ Na ɛhɔ ara na ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den.+ 8 Afei ɔhuri gyinaa ne nan so,+ na ɔfirii aseɛ nanteeɛ, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ. Berɛ a wɔrekɔ nyinaa, na ɔrenante hurihuri yi Onyankopɔn ayɛ. 9 Na nnipa no nyinaa huu sɛ ɔnenam hɔ reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Na wɔhuu sɛ ɔno ne ɔbarima a na ɔtena Ɛpono Fɛfɛɛfɛ no ano wɔ asɔrefie hɔ+ srɛsrɛ adeɛ no. Ne ho a na atɔ no no yɛɛ wɔn nwanwa yie, na wɔn ani gyee papaapa.

11 Deɛ nnipa a ɛwɔ hɔ no hunuiɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn boroo so. Enti berɛ a ɔbarima no da so kura Petro ne Yohane mu no, nnipa no nyinaa tuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Solomon Abrannaa+ no. 12 Berɛ a Petro huu wei no, ɔbisaa nkurɔfoɔ no sɛ: “Israel mmarima, adɛn nti na wei yɛ mo nwanwa saa, na adɛn nti na morehwɛ yɛn haa te sɛ deɛ gyama yɛn ankasa tumi anaa yɛn nyamesom pa so na yɛnam maa no nanteeɛ? 13 Abraham ne Isak ne Yakob+ Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn no, wahyɛ n’akoa+ Yesu+ animuonyam. Yesu yi na moyii no maeɛ,+ na berɛ a Pilato yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgyaa no mpo no, mokaa no Pilato anim sɛ monnim no.* 14 Nokwasɛm ne sɛ, deɛ ɔyɛ kronkron na ɔtene no, mokaa sɛ monnim no,* na mosrɛɛ sɛ wɔmfa ɔbarima wudini mmom mma mo,+ 15 ɛnna mokum nkwa Safohene+ no. Nanso Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu, na yɛyɛ saa nokwasɛm no ho adansefoɔ.+ 16 Ɛnam ne din so, ɛne gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu so na ɔbarima a mohu no na monim no yi anya ahoɔden. Na ne mu gyidie na ama ɔbarima yi anya apɔmuden korakora wɔ mo nyinaa anim yi. 17 Afei anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ,+ sɛdeɛ mo atumfoɔ no nso yɛeɛ no.+ 18 Nanso Onyankopɔn nam saa kwan yi so ama deɛ ɔnam adiyifoɔ no nyinaa anom so ka too hɔ no aba mu. Ɛne sɛ, ne Kristo no bɛhunu amane.+

19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnane mo ho+ mma wɔmpepa mo bɔne.+ Sɛ moyɛ saa a, ahotɔ mmerɛ bɛfiri Yehowa ankasa nkyɛn* aba, 20 na ɔbɛsoma Yesu, Kristo a wɔayi no ama mo no. 21 Ɔbɛtena ɔsoro akɔsi mmerɛ a wɔbɛsiesie nneɛma nyinaa, sɛdeɛ Onyankopɔn nam ne tete adiyifoɔ kronkron no anom so kaeɛ no. 22 Deɛ ɛwom ne sɛ, Mose kaa sɛ: ‘Yehowa* mo Nyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.+ Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, ɛsɛ sɛ motie.+ 23 Nokorɛm no, obiara* a wantie saa Odiyifoɔ no, wɔbɛsɛe no koraa afiri ɔman no mu.’+ 24 Na adiyifoɔ no nyinaa, ɛfiri Samuel so bɛsi wɔn a wɔdii n’akyi baeɛ so no, wɔn a wɔkasaeɛ nyinaa kaa saa nna yi ho asɛm pefee.+ 25 Moyɛ adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom yɛeɛ no mma.+ Ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Ɛnam w’aseni* so na asaase so mmusua nyinaa bɛnya nhyira.’+ 26 Berɛ a Onyankopɔn maa n’akoa* no so no, ɔdii kan somaa no baa mo nkyɛn+ sɛ ɔmmɛdane mo nyinaa mfiri mo nneyɛɛ bɔne ho mfa nhyira mo.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane