Asomafoɔ Nnwuma
1 M’adamfo pa Teofilo, asɛm a ɛdi kan a metwerɛeɛ no, mekyerɛɛ nneɛma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa+ 2 kɔsii da a wɔfaa no kɔɔ soro.+ Ansa na wɔrefa no akɔ soro no, ɔnam honhom kronkron so de akwankyerɛ maa asomafoɔ a wayi wɔn no.+ 3 Ɔhunuu amane, na ɛno akyi no, ɔnam adanseɛ bebree a ɛdi mu so de ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔte ase.+ Wɔhuu no nnafua 40, na ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm.+ 4 Berɛ a ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfiri Yerusalem,+ na mmom monkɔ so ntwɛn deɛ Agya no ahyɛ ho bɔ no,+ deɛ motee ho asɛm firii me hɔ no. 5 Ɛfiri sɛ Yohane deɛ, nsuo na ɔde bɔɔ asu, na mo deɛ, ɛrenkyɛ, wɔde honhom kronkron bɛbɔ mo asu.”+
6 Enti berɛ a wɔhyiaam no, wɔbisaa no sɛ: “Awurade, saa berɛ yi na woresan de ahennie no ama Israel anaa?”+ 7 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnhia sɛ mohu* mmerɛ anaa nna a Agya no de ne tumi ahyehyɛ ato hɔ no.+ 8 Mmom sɛ honhom kronkron no ba mo so a,+ mobɛnya tumi, na mobɛyɛ m’adansefoɔ+ wɔ Yerusalem+ ne Yudea ne Samaria+ nyinaa de akɔ asaase ano nohoa.”+ 9 Berɛ a ɔkaa weinom wieeɛ no, na wɔgu so rehwɛ no. Ɛnna Onyankopɔn maa ne so kɔɔ soro, na mununkum kataa ne ho, na wɔanhu no bio.+ 10 Berɛ a ɔrekɔ nyinaa, na wɔrehwɛ soro. Prɛko pɛ na mmarima mmienu bi a wɔhyehyɛ ntaade fitaa+ bɛgyinaa wɔn nkyɛn. 11 Ɛnna wɔbisaa sɛ: “Galilea mmarima, adɛn nti na mogyinagyina ha rehwɛ soro yi? Yesu a wɔama ne so afiri mo nkyɛn kɔ soro yi, sɛdeɛ muhuu sɛ ɔrekɔ soro no, saa ara na ɔbɛba.”
12 Ɛnna wɔfirii bepɔ bi a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔ* so san kɔɔ Yerusalem.+ Ná bepɔ no bɛn Yerusalem, na sɛ wofiri hɔ rekɔ Yerusalem a, ne tenten nyinaa yɛ homeda kwan.* 13 Berɛ a wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan a ɛwɔ aborosan so no mu, baabi a na wɔteɛ no. Nnipa a na ɛwɔ hɔ ne Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne nsiyɛfoɔ Simon, ne Yakobo ba Yuda.+ 14 Weinom nyinaa de adwenkorɔ* bɔɔ mpaeɛ daa, na na mmaa+ bi ne Yesu maame Maria ne Yesu nua mmarima+ ka ho.
15 Saa nna no mu no, Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (ná nnipa* no dodoɔ bɛyɛ 120). Ɛnna ɔkaa sɛ: 16 “Mmarima, anuanom, honhom kronkron no nam Dawid so hyɛɛ Yuda ho nkɔm,+ deɛ ɔkyerɛɛ nkurɔfoɔ kwan maa wɔkɔkyee Yesu+ no. Ná ɛhia sɛ saa twerɛsɛm no ba mu. 17 Ɛfiri sɛ na ɔka yɛn ho,+ na ɔyɛɛ ɔsom adwuma yi bi. 18 (Saa ɔbarima yi de amumuyɛ ho akatua+ tɔɔ asaase. Ɔde ne kɔn bɛwɔɔ hɔ, na ne mu pae maa ne yam nneɛma nyinaa tu gui.+ 19 Wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa tee ho asɛm, enti wɔtoo asaase no din wɔ wɔn kasa mu sɛ, Akeldama, kyerɛ sɛ, “Mogya Asaase.”) 20 Na wɔatwerɛ no Nnwom nwoma no mu sɛ, ‘Ma ne tenabea nna mpan, na mma obiara nntena hɔ,’+ na ‘Ne hwɛfoɔ adwuma no, ma obi foforɔ nyɛ.’+ 21 Enti mmarima a na wɔka yɛn ho berɛ a na Awurade Yesu wɔ yɛn nkyɛn reyɛ n’adwuma,* 22 ɛfiri berɛ a Yohane bɔɔ no asu+ kɔsi da a wɔfaa no firii yɛn nkyɛn kɔɔ soro+ no, ɛhia sɛ saa mmarima yi mu baako ka yɛn ho na ɔne yɛn di ne wusɔreɛ ho adanseɛ.”+
23 Enti wɔbɔɔ nnipa mmienu din. Baako ne Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔsan frɛ no Yusto, ɛnna baako nso ne Matia. 24 Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: “O Yehowa,* wo na wonim nnipa nyinaa akoma mu.+ Kyerɛ mmarima mmienu yi mu deɛ woayi no 25 sɛ ɔmfa ɔsom adwuma ne asomafoɔ adwuma yi, adwuma a Yuda poeɛ* kɔfaa ɔno ara ne kwan so no.”+ 26 Enti wɔbɔɔ wɔn so ntonto,+ na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkan no kaa asomafoɔ 11 no ho.