Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
4 Sɛ saa na ɛteɛ a, ɛnneɛ deɛn na yɛbɛka sɛ yɛn honam fam agya Abraham nyaeɛ? 2 Sɛ nnwuma a Abraham yɛeɛ nti na wɔbuu no ɔteneneeni* a, anka ɔbɛnya deɛ ɔde bɛhoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn anim. 3 Na deɛn na twerɛsɛm no ka? Ɛka sɛ: “Abraham gyee Yehowa* dii, na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.”+ 4 Onipa a ɔyɛ adwuma no, sɛ wɔtua no ka a, wɔmmu no sɛ ɛyɛ adom, mmom wɔbu no sɛ wɔde no ka, ɛnna wɔatua. 5 Nanso sɛ onipa bi nyɛ adwuma, na sɛ ɔgye Deɛ ɔbu ɔbɔnefoɔ bem* no di a, ne gyidie no nti, wɔbu no ɔteneneeni.*+ 6 Dawid nso kaa sɛ, sɛ Onyankopɔn bu onipa bi sɛ ɔyɛ ɔteneneeni na ɛnnyina ne nnwuma so a, saa onipa no ani gye. Deɛ ɔkaeɛ nie: 7 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔakata wɔn bɔne so;* 8 anigyeɛ ne onipa a Yehowa* remmu ne bɔne ho akonta da.”+
9 Saa anigyeɛ yi, wɔn a wɔatwa twetia* nko ara na ɛnya anaa wɔn a wɔntwaa twetia nso ka ho?+ Ɛfiri sɛ yɛka sɛ: “Abraham gyidie nti, wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.”+ 10 Berɛ bɛn na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni? Ɛyɛ berɛ a na watwa twetia anaa berɛ a na ɔntwaa twetia? Ɛnyɛ berɛ a na watwa twetia, na mmom berɛ a na ɔnnya ntwaa twetia. 11 Na ɔnyaa sɛnkyerɛnne+ a ɛne twetiatwa. Wɔde maa no sɛ ahyɛnsodeɛ,* de kyerɛɛ sɛ, ne gyidie nti, berɛ a ɔnnya ntwaa twetia no, wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn a wɔwɔ gyidie a wɔntwaa twetia no nyinaa agya,+ na wɔabu wɔn sɛ ateneneefoɔ; 12 afei nso, na ɛbɛma no abɛyɛ wɔn a wɔatwa twetia no agya, ɛnyɛ wɔn a wɔbata twetiatwa ho no nko ara, na mmom wɔn a wɔdii yɛn agya Abraham+ anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ berɛ a na ɔntwaa twetia no nso.
13 Ɛnyɛ mmara na Abraham anaa n’asefoɔ* nam so nyaa bɔhyɛ sɛ ɔbɛnya wiase bi sɛ agyapadeɛ,+ mmom gyidie a ɔnyaeɛ a ɛmaa wɔbuu no teneneeni ntira.+ 14 Na sɛ wɔn a wɔbata mmara ho no na wɔbɛdi adeɛ a, ɛnneɛ na gyidie abɛyɛ biribi a mfasoɔ nni so, na na bɔhyɛ no ayɛ bɔhyɛ hunu. 15 Deɛ ɛwom ne sɛ, Mmara no de abufuo ba,+ nanso baabi a mmara nni no, mmarato biara nso nni hɔ.+
16 Ɛno nti na ɛnam gyidie so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛgyina adom so,+ na ama bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ*+ nyinaa, ɛnyɛ wɔn a wɔbata Mmara no ho nko ara, na mmom wɔn a wɔbata Abraham gyidie ho nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.+ 17 (Ɛte sɛ deɛ wɔatwerɛ yi: “Mayi wo de wo ayɛ aman bebree agya.”)+ Wei sii wɔ Onyankopɔn a ɔnyaa ne mu gyidie no anim. Ɔno ne Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ, a ɔfrɛ nneɛma a ɛmmaeɛ sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no.* 18 Ɛwom sɛ na ɔnni deɛ ɔbɛgyina so anya anidasoɔ, nanso ɔnyaa anidasoɔ gye dii sɛ ɔbɛyɛ aman bebree agya, sɛdeɛ na wɔaka ato hɔ sɛ, “Saa na w’asefoɔ* bɛyɛ,”+ no. 19 Na ɛwom sɛ ne gyidie anyɛ mmerɛ deɛ, nanso ɔsusuu ɔno ara ne nipadua a na awuo no ho, (ɛfiri sɛ na wadi bɛyɛ mfeɛ 100)+ ɛne Sara yafunu a na awuo*+ no nso ho. 20 Nanso Onyankopɔn bɔhyɛ nti, ne gyidie anhinhim na wannye akyinnyeɛ. Na mmom ne gyidie maa no nyaa ahoɔden, na ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, 21 na ɔgye dii paa sɛ deɛ Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, Ɔbɛtumi ayɛ nso.+ 22 Ɛno nti, “wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.”+
23 Nanso asɛm a ɛne “wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni” no, ɛnyɛ ɔno nko ara nti na wɔtwerɛeɛ.+ 24 Mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso. Yɛn nso wɔbɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, ɛfiri sɛ yɛgye Deɛ ɔnyanee yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no di.+ 25 Yɛn mfomsoɔ nti na wɔyii no maeɛ,+ na wɔnyanee no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛbu yɛn ateneneefoɔ.+